Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hena Paa na Odi Wiase Yi So?

Hena Paa na Odi Wiase Yi So?

W’adwene yɛ wo sɛ ɛyɛ . . .

  • Onyankopɔn?

  • nnipa?

  • obi foforo?

NEA BIBLE AKA

“Ɔbɔnefo no na ɔredi wiase nyinaa so.”—1 Yohane 5:19.

“Onyankopɔn Ba no bae sɛ ɔrebɛsɛe ɔbonsam nnwuma.”—1 Yohane 3:8, New Century Version.

ƆKWAN BƐN SO NA ƐBƐBOA WO?

Ɛma wuhu nea enti a nneɛma nkɔ yiye wɔ wiase.—Adiyisɛm 12:12.

Ɛma wunya anidaso sɛ nneɛma bɛyɛ yiye daakye.—1 Yohane 2:17.

ENTI NEA BIBLE AKA YI YƐ AMPA?

Nneɛma abiɛsa yi nti yebetumi aka sɛ ɛyɛ ampa:

  • Satan tumidi bedi nkogu. Satan pɛ oo, ɔmpɛ oo, Yehowa begye tumi a ɔredi wɔ nnipa so no afi ne nsam. Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ‘obetu Ɔbonsam agu’ na nneɛma a Satan asɛe no nyinaa, obesiesie.—Hebrifo 2:14, Wiase Foforo Nkyerɛase.

  • Onyankopɔn ayi Yesu Kristo sɛ onni wiase yi so. Seesei nea ɔredi wiase so no, ne tirim yɛ den na onnwen obiara ho; Yesu de, ɔnte saa koraa. Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ, sɛ Yesu bɛyɛ ɔhene a, “ɔbrɛfo ne ohiani asɛm bɛyɛ no mmɔbɔ . . . Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu.”—Dwom 72:13, 14.

  • Onyankopɔn nni atoro. Bible ka pefee sɛ: “Onyankopɔn ntumi nni atoro.” (Hebrifo 6:18) Yehowa de, sɛ ɔhyɛ bɔ a, yebetumi afa no sɛ aba mu awie! (Yesaia 55:10, 11) “Wobetu wiase yi sodifo no afi hɔ.”—Yohane 12:31.

HWƐ ASƐMMISA YI

Sɛ woyi wiase sodifo no fi hɔ a, nsakrae bɛn na ɛbɛba wiase?

Bible ma saa asɛm no ho mmuae wɔ DWOM 37:10, 11 ne ADIYISƐM 21:3, 4.