Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Na Bible Ka Fa Ntotoso Du Du Ho?

Dɛn Na Bible Ka Fa Ntotoso Du Du Ho?

Nea Bible ka

 Onyankopɔn hyɛɛ tete Israelfo no sɛ wonyi nea wobenya no afe biara mu ntotoso du du a anaa wɔnkyɛ nneɛma a wonyae no mu du na wɔmfa baako mmoa nokware som. Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Afe biara fa w’afuw mu nnɔbae nyinaa so ntotoso du du bra.”—Deuteronomium 14:22.

 Ná ntotoso du du yɛ ahyɛde a ɛka Mose Mmara a Onyankopɔn de maa tete Israelfo no ho. Kristofo nhyɛ Mose Mmara no ase, enti wɔnhwɛ kwan sɛ wobeyi ntotoso du du. (Kolosefo 2:13, 14) Mmom no, wɔhwɛ kwan sɛ Kristoni biara beyi sika de aboa Onyankopɔn som “sɛnea wasusuw wɔ ne komam, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ so, efisɛ Onyankopɔn dɔ nea ɔtew n’anim ma.”—2 Korintofo 9:7.

 Sɛnea “Apam Dedaw” no ka ntotoso du du no ho asɛm

 Wɔaka ntotoso du du no ho asɛm mpɛn pii wɔ nea nkurɔfo frɛ no Apam Dedaw no mu. Ntotoso du du no ho nsɛm dodow no ara puei bere a wɔnam Mose so de Mmara apam (Mose Mmara) no maa Israelfo no akyi. Nanso, wɔkaa ho asɛm kakra ansa na wɔde Mose Mmara no rema Israelfo no.

Ansa Na Mose Mmara No Reba

 Onipa a odii kan yii ntotoso du du ne Abram (Abraham). (Genesis 14:18-20; Hebrifo 7:4) Ɛbɛyɛ sɛ ntotoso dudu a Abram de maa Salem hene a na ɔsan yɛ ɔsɔfo sɛ akyɛde no, ɔyɛɛ no pɛnkoro pɛ. Biribiara nni Bible mu a ɛkyerɛ sɛ Abraham anaa ne mma yii ntotoso du du bio.

 Onipa a ɔto so mmienu a Bible ka sɛ oyii ntotoso du du ne Abraham banana Yakob. Ɔhyɛɛ Onyankopɔn bɔ sɛ, sɛ ohyira no a, “biribiara” a Onyankopɔn de bɛma no no, ɔbɛkyɛ mu du ama no “baako.” (Genesis 28:20-22) Sɛnea Bible ho abenfo bi kyerɛ no, ɛbɛyɛ sɛ mmoa na Yakob de bɔɔ afɔre de yii saa ntotoso du du no. Ɛwom sɛ Yakob dii saa bɔ a ɔhyɛe yi so de, nanso wanhyɛ n’abusuafo sɛ wonyi ntotoso du du a ɛte saa.

Mose Mmara No Ase

 Wɔka kyerɛɛ tete Israel mpanyimfo sɛ wonyi ntotoso du du sɛ biribi a wɔde boa Onyankopɔn som.

  •   Ntotoso du du no na na wɔde hwɛ wɔn a na wɔde wɔn bere nyinaa yɛ Onyankopɔn som adwuma no. Saa nkurɔfo no ne Lewifo no, na na asɔfo no ka ho. Ná wonni wɔn ankasa asaase a na wɔbɛyɛ so adwuma. (Numeri 18:20, 21) Ná Israelfo mmusuakuw a aka no yi ntotoso du du no ma Lewifo a wɔnyɛ asɔfo no, na wɔn nso kyɛ ntotoso du du a wɔn nsa ka no mu du de mu baako a ɛyɛ paa ma asɔfo no.—Numeri 18:26-29.

  •   Ɛbɛyɛ sɛ afe biara na woyi ntotoso du du a ɛto so mmienu, ɛno de na Lewifo ne wɔn a wɔnyɛ Lewifo nyinaa nya bi. (Deuteronomium 14:22, 23) Ná Israelfo mmusua de saa ntotoso du du yi yɛ adwuma bere a wɔredi afahyɛ titiriw bi, na afe bi wɔ hɔ a na wɔde bi ma wɔn a ahia wɔn paa no na ama wɔanya biribi adi.—Deuteronomium 14:28, 29; 26:12.

 Ntotoso du du a na woyi no, sɛn na na wobu ho akontaa? Ná Israelfo no yi nneɛma a wonya fi wɔn mfuw mu afe biara mu no so ntotoso du du. (Leviticus 27:30) Sɛ ɛnyɛ afuw mu nneɛma na ɔde beyi ntotoso du du no na mmom sika a, ɛnde na ɛsɛ sɛ ɔde ɛbo no ɔha mu nkyem 20 ka ho. (Leviticus 27:31) Wɔsan ka kyerɛɛ wɔn sɛ wonyi ‘anantwi ne nguan so ntotoso du du.’ Nea wei kyerɛ ne sɛ, sɛ obi wɔ anantwi ne nguan na sɛ mmoa no wo a, onyi so ntotoso du du.—Leviticus 27:32.

 Ɔkwan a na Israelfo no yi mmoa so ntotoso du du ne sɛ, sɛ mmoa no repue afi buw mu a, nea ɔto so du biara yɛ ntotoso du du. Mose Mmara no kaa sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ sɛ aboa a ɔto so du no te apɔw anaa ɔnte apɔw, saa nso na ɛnsɛ sɛ wɔde aboa a ɔto so du no bɛsesa foforo. Afei nso, na ɛnsɛ sɛ wotua sika de si aboa no ananmu. (Leviticus 27:32, 33) Nanso, ntotoso du du a ɛto so mmienu a na wɔde di afahyɛ no de, na wobetumi adan no sika. Saa nhyehyɛe yi boaa Israelfo a na ɛsɛ sɛ wotwa kwantenten kodi afahyɛ no.—Deuteronomium 14:25, 26.

 Bere bɛn na na Israelfo no yi ntotoso du du no? Ná Israelfo no yi ntotoso du du afe biara. (Deuteronomium 14:22) Nanso afe a ɛto so nson biara de na ɛyɛ soronko. Saa afe no, na ɛyɛ ɔhome afe, na Israelfo no nnua hwee. (Leviticus 25:4, 5) Saa afe soronko yi de, na ɛnsɛ sɛ woyi ntotoso du du no wɔ otwabere mu. Israelfo mu no, na afe a ɛto so nson biara yɛ Ɔhome afe. Saa mfe no mu no, na woyi ntotoso du du mfe mmiɛnsa biara awiei ne mfe nsia biara awiei. Ná wɔne ahiafo a wɔwɔ ɔman no mu ne Lewifo na ɛkyɛ.—Deuteronomium 14:28, 29.

 Sɛ obi anyi ntotoso du du no a, na ɛho asotwe ne sɛn? Mose Mmara no anka asotwe a sɛ obi anyi ntotoso du du no a ɛsɛ sɛ wɔde ma no. Ná ntotoso du du no a obi beyi no yɛ ade a ɛfata sɛ ɔyɛ. Ná ɛsɛ sɛ Israelfo no ka kyerɛ Onyankopɔn sɛ wɔayi wɔn ntotoso du du no, na afei wɔsrɛ Onyankopɔn nhyira. (Deuteronomium 26:12-15) Sɛ obi anyin ntotoso du du no a, na Onyankopɔn fa no sɛ ɔrebɔ no korɔn.—Malaki 3:8, 9.

 Ntotoso du du no, na ɛyɛ adesoa a emu yɛ duru? Daabi. Onyankopɔn hyɛɛ ɔman no bɔ sɛ, sɛ woyi ntotoso du du no a, obehyira wɔn na hwee renhia wɔn. (Malaki 3:10) Nanso, bere a wɔanyi ntotoso du du no, ɔman no huu amane. Wɔannya Onyankopɔn nhyira, na esiane sɛ wɔanhwɛ asɔfo ne Lewifo no nti, wɔanya asɔfo ne Lewifo ansom wɔn.—Nehemia 13:10; Malaki 3:7.

 Sɛnea “Apam Foforo” No Ka Ntotoso Du Du No Ho Asɛm

 Bere a na Yesu wɔ asaase so no, na Onyankopɔn asomfo da so ara yi ntotoso du du. Nanso Yesu wu akyi no, woyii ntotoso du du no fii hɔ.

Yesu Bere So

 Bible ma yehu wɔ Apam Foforo no mu no sɛ, bere a Yesu wɔ asaase so no, na Israelfo no da so yi ntotoso du du no. Yesu gye toom sɛ na ɛyɛ ahyɛde sɛ Israelfo no yi ntotoso du du no, nanso ɔkasa tiaa nyamesom akannifo no a na wɔyere wɔn ho yi, nanso ‘Mmara no mu nsɛm a ehia paa a ɛne atɛntrenee ne mmɔborɔhunu ne nokwaredi no de, na wɔmfa nyɛ hwee’ no.—Mateo 23:23.

Yesu Wu Akyi

 Yesu wu akyi no, afei de na ɛho nhia sɛ woyi ntotoso du du no bio. Bere a Yesu wu de ne ho bɔɔ afɔrebɔ no, ɛpopaa Mose Mmara no fii hɔ, na na ‘ahyɛde a ɛne sɛ wonnye ntotoso du du’ no ka ho.—Hebrifo 7:5, 18; Efesofo 2:13-15; Kolosefo 2:13, 14.

a Ntotoso du du yɛ “nea obi nya fi adwuma a ɔyɛ mu a wakyɛ mu du, na oyi mu baako de yɛ biribi pɔtee. . . . Ntotoso du du a Bible ka ho asɛm no, mpɛn pii no, ɛfa nyamesom ho.”—Harper’s Bible Dictionary, kratafa 765.