Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | AWARE

Suban Bi a Ɛwɔ Wo Kunu Anaa Wo Yere Ho a Ɛyɛ Wo Ahometew No, Nya Ho Adwempa

Suban Bi a Ɛwɔ Wo Kunu Anaa Wo Yere Ho a Ɛyɛ Wo Ahometew No, Nya Ho Adwempa
  •   Nea ɛbɛba wo mu biara, na woreyɛ; wo kunu anaa wo yere deɛ, ɔto ne bo hyehyɛ ne biribiara ansa na wayɛ.

  •   Wompɛ kasa, na wontaa nka wo tirim asɛm; wo kunu anaa wo yere deɛ, ɔpɛ kasa; baabiara a ɔwɔ biara, wobɛte ne nka.

 Suban bi wɔ wo kunu anaa wo yere ho a ɛyɛ wo ahometew anaa? Wode w’adwene kɔ so bebree a, ebetumi asɛe w’aware. Bible koraa ka sɛ “nea ɔkɔ so tĩ asɛm mu de, ɔtetew nnamfo a wɔbɔ kosua taforo ntam.”—Mmebusɛm 17:9.

 Suban a ɛwɔ wo kunu ho anaa wo yere ho a ɛyɛ wo ahometew no, wobɔ mmɔden de adwempa hwɛ a, eye sen sɛ wobɛma ne ho ayɛ wo ahi na akɔfa akasakasa aba mo ntam.

Nea yɛrebɛka ho asɛm

 Suban bi a ɛwɔ wo kunu anaa wo yere ho a ɛyɛ wo ahometew no, nya ho adwempa

 Suban a ɛwɔ wo kunu anaa wo yere ho a ɛyɛ wo ahometew no, ɛno ara nso betumi ayɛ suban pa a ɛma wopɛ n’asɛm. Wo deɛ, yɛnhwɛ nhwɛso mmiɛnsa yi:

 “Sɛ me kunu reyɛ ade a, ɔyɛ no nyaa dodo, na sɛ ɔresiesie no ho akɔ baabi nso a, onwie da. Nanso saa suban a ɛwɔ ne ho yi, ɛno koro no ara na ɛma onya me ho abotare. Sɛnea ɔyɛ nyaa-nyaa no, ɛtɔ da a ɛyɛ me ahometew, nanso ɛka ho bi na medɔ no no.”—Chelsea.

 “Me yere toto ne biribiara pɛpɛɛpɛ; ɔpɛ sɛ ohu sɛ biribiara da nea ɛda. Saa ade no tumi yɛ me ahometew. Nanso sɛnea ɔpɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ nti, ɔnyɛ ne nneɛma basabasa.”—Christopher.

 “Me kunu deɛ, asɛ biribiara mfa ne ho; ɛyɛ ahometew. Nanso sɛnea ɔmpere ne ho wɔ nneɛma ho no, ɛka ho bi nti na meka kɔɔ ne ho. Sɛnea asɛm ba a ɔto ne bo ase no, ɛyɛ me fɛ.”—Danielle.

 Sɛnea Chelsea, Christopher, ne Danielle hui no, nea wo kunu anaa wo yere yɛ a ɛyɛ wo fɛ ne nea ɔyɛ a ɛyɛ wo ahometew no, wohwɛ mu a, ɛyɛ suban koro no ara na ɛma no ba saa. Saa na ɛte de a, ɛkyerɛ sɛ, wuntumi mfa nea ɛyɛ wo fɛ no na wunnyaw nea ɛyɛ wo ahometew no. Ɛte sɛ sika; wuntumi nka sɛ wopɛ anim no na akyi no deɛ, wompɛ.

 Nanso ɛnyɛ suban biara na ne fã yɛ fɛ na ne fã yɛ ahometew. Bible mpo ka sɛ nipa bi wɔ hɔ a, ne “bo fuw ntɛm.” (Mmebusɛm 29:22) Sɛ obi te saa a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden paa ‘yi ɔtan, abufuw, koko bɔne, nkekawmu, ne abususɛm biara fi ne mu.’ aEfesofo 4:31.

 Nanso sɛ suban no nyɛ suban bɔne na sɛ yɛ ara na ɛyɛ wo ahometew a, ɛnde fa Bible mu afotu yi yɛ adwuma: “Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko mpo a, ɔnkɔ so nnya ne ho abotare.”—Kolosefo 3:13.

 Afei nso, suban a ɛwɔ wo kunu anaa wo yere ho a ɛyɛ wo ahometew no, bɔ mmɔden hwehwɛ suban no fã a ɛyɛ fɛ a ɛmaa woka kɔɔ ne ho no. Joseph yɛ barima a waware. Ɔse: “Sɛ wode w’adwene si obi suban a ɛyɛ ahometew so pii a, ɛte sɛ nea woahu sɛ dɛnkyɛmmo bi da hɔ na woanhu hwee sɛ ano feafea a ebetumi atwa wo no. Ɛte sɛ nea woabu w’ani agu sɛnea ɛrete gya no so.”

 Munsusuw wei ho

 Nea edi kan, mo mu biara nyi nsɛmmisa a edidi so yi ano. Muwie a, mommom nsusuw mo mmuae no ho.

  •   Suban bi wɔ wo kunu anaa wo yere ho a ɛyɛ wo sɛ ɛresɛe aware no? Sɛ saa a, ɛyɛ suban bɛn?

  •   Saa suban no, ɛyɛ suban bɔne anaa yɛ ara na ɛyɛ wo ahometew?

  •   Saa suban no, ne fã bi yɛ fɛ anaa? Sɛ saa a, ne fã bɛn na ɛyɛ fɛ no? Adɛn nti na saa suban a ɛwɔ wo kunu anaa wo yere ho no yɛ wo fɛ?