Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | AWARE

Ponografi Betumi Ama W’aware Atetew Apansam

Ponografi Betumi Ama W’aware Atetew Apansam

 Ne yere kyeree no. Ɔpaa no kyɛw pae, pae, pae. Ɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔrenyɛ bio. Otumi gyaee, nanso ankyɛ na ɔsan kɔɔ ho bio. Ɔkɔ ho bio saa a, na wapa kyɛw, na wagyae, nanso ɛnkyɛ na wasan kɔ ho.

 Yɛabɔ w’asɛm so anaa? Sɛ yɛabɔ w’asɛm so a, ɛnde asɛm yi bɛma woahu sɛnea saa suban no haw wo yere, na ɛbɛma woahu nea ɛbɛboa wo ama woagyae koraa na woansan ankɔ ho bio. a

Nea yɛrebɛka ho asɛm

 Nea ɛsɛ sɛ wuhu

 Ponografi betumi ama aware atetew apansam. Ebetumi ama wo hokafo de wo ho abufuw ahyɛ ne mu, na ɔrennye wo nni. b

 Ɔbea a ne kunu hwɛ ponografi no:

  •   Obetumi ate nka sɛ ne kunu afa n’akyi. Ɔbea warefo bi a ne din de Sarah kaa sɛ, “Metee nka sɛ me kunu afa m’akyi mpɛn pii.”

  •   Obetumi ate nka sɛ yɛreka mmea a ɔnka ho. Ɔbea bi kaa sɛ ponografi a na ne kunu hwɛ nti, ɔtee nka sɛ ‘ne ho nyɛ fɛ, na wagu n’anim ase.’

  •   Ɛyɛ den sɛ obegye ne kunu adi. Ɔbea bi a ɔde Helen kaa sɛ, “Nea me kunu bɛyɛ biara na meredwen bɔne ma no.”

  •   Ebetumi de adwinnwen abɛto ne so. Ɔbea warefo bi, ne din de Catherine. Nea ɔkae ni, “Me kunu suban no danee me adwinnwen. Ná mintumi nyi m’adwene mfi so da koro koraa.”

 Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Bible ka sɛ okunu nnɔ ne yere. (Efesofo 5:25) Sɛ ɔbarima dɔ ne yere a, wugye di sɛ ɔbɛma wafa nneɛma a yɛabobɔ so yi mu?

 Nea wubetumi ayɛ

 Sɛ obi hwɛ ponografi ma ɛka no hɔ a, ɛyɛ den sɛ obegyae. Ɔbea warefo bi a yɛfrɛ no Stacey kaa sɛ, “Me kunu atumi agyae sigaret, watumi agyae wii, atumi agyae nsawe, nanso ponografi de, wayɛ ayɛ ayɛ, ontumi nnyae hwɛ.”

 Sɛ woahwɛ ponografi ama aka wo hɔ a, nsɛm a edidi so yi betumi aboa wo ama woagyae hwɛ koraa.

  •   Te ase sɛ ponografi nyɛ adepa. Sɛ obi hwɛ ponografi a, ɛma ɔyɛ pɛsɛmenkominya. Ɛma ɔhwehwɛ nea ɛbɛma ɔno nko ara n’ani agye. Ɛno nso de, ɛsɛe ɔdɔ, gyidi, ne nokwaredi a ɛma anigye ba aware mu no. Afei nso, sɛ obi yɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ ommu Yehowa Nyankopɔn a ɔhyehyɛɛ aware no.

     Bible mu afotusɛm: “Munni aware ni.”​—Hebrifo 13:4.

  •   Mfa nhyɛ obiara. Nka sɛ, ‘Sɛ me yere nim sɛnea yedi dɔ a, anka meremfa ponografi nyɛ hwee.’ Sɛ wode hyɛ wo yere a, ɛnyɛ ne kwan so. Sɛ wode hyɛ no saa a, nea ɛbɛba ara ne sɛ, sɛ wantumi anyɛ w’apɛde amma wo a, wobɛfa ho asan akɔhwɛ ponografi.

     Bible mu afotusɛm: “Nea ɛsɔ obi hwɛ ne n’ankasa akɔnnɔ a ɛtwetwe no na ɛto no brada.”​—Yakobo 1:14.

  •   Mfa biribiara nsie wo yere. Ɔbarima bi a yɛfrɛ no Kevin kaa sɛ: “Sɛ m’ani bɔ biribi a ebetumi de m’adwene akɔ aguamansɛm so na mantumi anyi m’ani a, meka kyerɛ me yere. Sɛ mitumi yii m’ani nso a, meka kyerɛ no. Da biara, saa na meyɛ. Enti me yere nnya adwene sɛ mede biribi sie no.”

     Bible mu afotusɛm: “Yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.”​—Hebrifo 13:18.

  •   Ma w’ani nna hɔ. Sɛ woagyae ponografi hwɛ mfe bebree mpo a, nyɛ w’adwene sɛ woawie. Kevin, a yɛaka n’asɛm dedaw no kaa sɛ: “Mitumi gyaee ponografi hwɛ mfe du ne akyi, enti m’adwene yɛɛ me sɛ me ne no too nkwanta a yɛapae. Nso sɛɛ na ɛho akɔnnɔ no akɔtɛ dinn retwɛn, na sɛ migyaagyaa me ho kakraa bi a, ayi me.”

     Bible mu afotusɛm: “Nea ɛyɛ no sɛ ogyina hɔ no, ɔnhwɛ yiye na wanhwe ase.”​—1 Korintofo 10:12.

  •   Sɛ ɛba wo mu sɛ kɔhwɛ bi a, twɛn kakra. Sɛ wowɔ hɔ a, ebetumi aba wo mu sɛ kɔhwɛ bi, nanso sɛ wobɛhwɛ oo, worenhwɛ oo, ne nyinaa gyina wo so. Akɔnnɔ de, ɛba na woamfa anyɛ adwuma a, ɛbɛtew akɔ. Sɛ wutumi yi w’adwene fi akɔnnɔ no so kɔ biribi foforo so a, ɛbɛma atew akɔ ntɛm mpo.

     Bible mu afotusɛm: “Ɛsɛ sɛ mo mu biara hu sɛnea ɔbɛhyɛ n’ankasa nipadua so wɔ ahotew ne nidi mu, na ɛnsɛ sɛ ɔyɛ adifudepɛ na ogyaa ne ho ma nna ho akɔnnɔ bɔne.”—1 Tesalonikafo 4:4, 5.

  •   Nkɔpɛ wo ho asɛm. Nhoma bi kyerɛkyerɛ mu sɛ, “Sɛ wokɔpɛ wo ho asɛm kɔ baabi a enni sɛ wokɔ a, ɛte sɛ nea woasɔ mankyese. Nea aka ara ne pɛtro ketewaa bi a . . . ɛbɛma gya no asɔ.”—Willpower’s Not Enough.

     Bible mu afotusɛm: “Mma adebɔne biara nnni me so.”—Dwom 119:133.

  •   Mma w’abam mmmu. Ebetumi akyɛ ansa na wo yere asan agye wo adi; ebetumi mpo adi mfe bebree. Nanso nea asisi kyerɛ sɛ ebetumi ayɛ yiye.

     Bible mu afotusɛm: “Ɔdɔ wɔ abotare.”—1 Korintofo 13:4.

a Ɛwom, nsɛm a ɛwɔ ha yi nyinaa, mmarima awarefo a wɔhwɛ ponografi na yɛka hwɛ wɔn anim, nanso afotusɛm a ɛwom no kɔ ma mmea awarefo a wɔhwɛ ponografi no nso.

b Ebinom kyerɛ sɛ, sɛ wɔne wɔn yere anaa wɔn kunu bom hwɛ ponografi a, ɛma wɔn aware sɔ. Nanso Bible kasa tia saa ade no.— Mmebusɛm 5:15-20; 1 Korintofo 13:4, 5; Galatifo 5:22, 23.