Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Mmofra Ntɔtɔfewa Sukuu—Nea Ɛsɛ Sɛ Awofo Hu Fa Ho

Mmofra Ntɔtɔfewa Sukuu—Nea Ɛsɛ Sɛ Awofo Hu Fa Ho

 Awofo bi wɔ hɔ a, esiane sɛ wɔkɔ adwuma nti, ɛyɛ a wɔde wɔn mma kɔ sukuu a ɛhwɛ mmofra ntɔtɔfewa. Wo nso ɛ? Wo de wo ba bɛkɔ mmofra ntɔtɔfewa sukuu anaa?

 Nsɛm bi a ɛsɛ sɛ wunya ho mmuae

 Sɛ mede me ba kɔ mmofra ntɔtɔfewa sukuu a, ɛremma me ba no nhu sɛ ne maame anaa ne papa ne me anaa? Ebetumi aba saa. Sɛ abofra yɛ tɔtɔfewa a, n’adwene no nyin ntɛmntɛm, na ɛboa no ma ohu sɛ wei yɛ me maame, wei yɛ me papa, anaa wei yɛ me nua. Ɛno nti, sɛ wo ba no yɛ tɔtɔfewa a, ɛnsɛ sɛ woma mframa fa wo ne ne ntam koraa.—Deuteronomium 6:6, 7.

  •    Sɛ awofo bi redwen ho sɛ wɔde wɔn ba bɛkɔ mmofra ntɔtɔfewa sukuu a, ɛsɛ sɛ wodwen ho hwɛ sɛ, wɔbɛyɛ dɛn na wɔatumi abɛn wɔn ba no ntɛmntɛm.

 Sɛ mede me ba kɔ mmofra ntɔtɔfewa sukuu a, ɛbɛma ayɛ den sɛ mɛtete no sɛnea mepɛ anaa? Ebetumi ayɛ den. Nhoma bi ka sɛ: “Mmofra ntɔtɔfewa deɛ, wɔredi agorɔ nyinaa na obiara resua ne yɔnko suban.”—Hold On to Your Kids.

  •    Sɛ awofo bi redwen ho sɛ wɔde wɔn ba bɛkɔ mmofra ntɔtɔfewa sukuu a, ɛsɛ sɛ wodwen ho hwɛ sɛ, wobetumi atete wɔn ba no sɛnea wɔpɛ anaa ne mfɛfo mmofra na ɛbɛtete no ama wɔn.

 Sɛ mede me ba kɔ mmofra ntɔtɔfewa sukuu a, ɛbɛma wahu ade yiye bere a wahyɛ sukuu ankasa ase anaa? Ebinom se ɛboa mmofra ma wohu ade yiye. Ebinom nso se, ɛnhyɛ da mmoa mmofra saa. Sɛ ɛyɛ nokware oo, sɛ ɛnyɛ nokware oo, tie nea Penelope Leach a wasua mmofra ho ade akɔ akyiri kyerɛwee. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nkurɔfo keka sɛ, ‘nhomasua’ ne wo ba daakye, enti ne papa mu paa ne sɛ abofra bɛhyɛ sukuu ase ne mmofraase pɛɛ, na wasua ade akɔ akyiri. Ɛnsɛ sɛ wugye saa asɛm no di. Anyɛ saa a, w’adwene bɛyɛ wo sɛ‘ntetee’ a wode ama wo ba no fi da a wowoo no no, mfaso biara nni so.”

  •    Awofo a wɔredwen ho sɛ wɔde wɔn ba bɛkɔ mmofra ntɔtɔfewa sukuu no, ɛsɛ sɛ wodwen ho hwɛ sɛ mfaso wɔ so anaa ɛho hia mpo.

 Wo ne wo yere, baako betumi atena fie na wahwɛ mo ba no anaa? Mpɛn pii no, nea enti a ɔbaa ne okunu nyinaa yɛ adwuma ne sɛ wobenya sika pii. Wohwɛ paa a, mfaso wɔ so sɛ wobegyaw wɔn ba hɔ akɔpɛ sika?

  •    Awofo a wɔredwen ho sɛ wɔde wɔn ba bɛkɔ mmofra ntɔtɔfewa sukuu no, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ sɛ wobetumi atwitwa nneɛma so na ama baako atena fie ahwɛ wɔn ba no anaa.

 Ɛsɛ sɛ awofo to wɔn bo ase susuw ɔhaw a ɛwɔ ntɔtɔfewa sukuu mu ne ɛso mfaso ho ansa na wɔasi gyinae sɛ wɔde wɔn ba bɛkɔ bi anaa wɔremfa no nkɔ. Sɛ mususuw ho wie na sɛ muhu sɛ kɔ ara na ɛsɛ sɛ mode mo ba no kɔ ntɔtɔfewa sukuu nso ɛ?

 Nea wubetumi ayɛ

 Bible ka sɛ, “onitefo hwɛ n’anammɔn yiye.” (Mmebusɛm 14:15) Ma saa Bible asɛm no ntena w’adwenem, na dwen ho yiye ansa na woapɛ ntɔtɔfewa sukuu a wode wo ba bɛkɔ.

 Akwan foforo a wubetumi afa so ahwɛ wo ba

  •    Nea awofo binom yɛ ne sɛ, wɔde wɔn ba kɔma obi a ɔhwɛ mmofra wɔ ne fie. Ebetumi aba sɛ nkwadaa kakra na ɛwɔ fie hɔ, ɛnna wafa onipa baako anaa nnipa mmienu bi ama wɔhwɛ wɔn.

  •    Awofo bi nso wɔ hɔ a, wɔma wɔn busuani bi bɛtena wɔn nkyɛn hwɛ wɔn ba no anaa wɔfa obi ma ɔbɛhwɛ wɔn ba no wɔ wɔn fie na wɔatua no ka.

 Nea yɛaka yi nyinaa, ebiara wɔ ne haw ne ɛso mfaso. Wopɛ a, wubetumi ne awofo bi a wɔafa akwan foforo so ahwɛ wɔn ba abɔ ho nkɔmmɔ. Bible se: “Wɔn a wɔbom tu agyina na nyansa ne wɔn te.”—Mmebusɛm 13:10.

 Sɛ woyɛ w’adwene sɛ wode wo ba bɛkɔ mmofra ntɔtɔfewa sukuu nso ɛ? Sɛ saa a . . .

 Hu sukuu no ho nsɛm

  •    Sukuu no wura wɔ tumi krataa a ɔde atew sukuu no anaa? Sɛnea mmara hwehwɛ sɛ ɔhwɛ sukuu no so no, saa ara na ɔyɛ? Edin bɛn na sukuu no agye? Nkurɔfo ka ho asɛm sɛn?

  •    Sukuu hɔ tew, anaa biribi wɔ hɔ a ɛde wo ba no nkwa bɛto asiane mu anaa?

  •    Ɛdɛn na wɔyɛ wɔ sukuu hɔ? a

 Hu wɔn a wɔhwɛ mmofra no ho nsɛm

  •    Ntetee bɛn na yɛde wɔn afa mu? Ɛsɛ sɛ wɔyɛ nkurɔfo a wonim sɛnea wɔtete mmofra, sɛnea obi pira a wobetumi asɔ ano, ɛne sɛnea obi ntumi nhome a, wobetumi ayɛ ama n’ahome asan aba (CPR).

  •    Wubetumi ayɛ nhwehwɛmu ahwɛ sɛ wɔn a wɔbɛhwɛ mmofra no, obi wom a wadi bɔne bi pɛn anaa.

  •    Wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ hɔ no taa gyae adwuma no ma enti ɛyɛ a wɔpɛ nnipa foforo si wɔn anan? Sɛ saa a, ɛnde ɛbɛyɛ den sɛ wo ba no ani bɛka ɔbaakofo anim.

  •    Wɔn a wɔhwɛ mmofra no, obiara hwɛ nkwadaa dodow sɛn? Sɛ ɔbaakofo hwɛ nkwadaa bebree a, ebia wɔrentumi ntew wɔn ani nhwɛ wo ba no yiye. Nea ɛka ho bi nso ne sɛ, mfe a wo ba no adi, nea otumi yɛ ne nea ontumi nyɛ na ɛbɛkyerɛ sɛnea wɔbɛma wɔn ani akɔ no ho.

  •    Sɛnea wɔhwɛ wo ba no, sɛ biribi nkɔ yiye na wopɛ sɛ woka a, wɔayɛ krado sɛ wobetie wo anaa? Wɔn nso, sɛ biribi haw wɔn a, wɔayɛ krado sɛ wɔne wo bɛka ho asɛm?

a Nea wubetumi abisa no bi ne sɛ, TV na wɔde gyigye nkwadaa no ani anaa wɔkyerɛ nkwadaa no ade? Nkwadaa no nya kwan di agorɔ?