Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Nea Enti a Ehia Sɛ Mmofra Kenkan Ade—Ɔfã 2: Nea Ɛwɔ Afiri So Anaa Nea Yɛaprente?

Nea Enti a Ehia Sɛ Mmofra Kenkan Ade—Ɔfã 2: Nea Ɛwɔ Afiri So Anaa Nea Yɛaprente?

 Sɛ wo ba pɛ sɛ ɔkenkan ade a, wei mu nea ɛwɔ he na ɔbɛkan: nhoma a yɛaprente, anaa nea ɛwɔ afiri te sɛ fon so?

 Mmerante ne mmabaawa pii bɛkan nea ɛwɔ fon anaa afiri so no. Nhomasua mu ɔbenfo, Dr. Jean M. Twenge kyerɛwee sɛ: “Mmerante ne mmabaawa a ɛwɔ hɔ nnɛ no, efi wɔn mmofraase pɛɛ, yɛakyerɛ wɔn sɛnea yɛkan ade wɔ afiri so. Sɛ wɔpɛ sɛ wɔkan biribi wɔ afiri so a, ɛno ara ne sɛ wɔde wɔn nsa bɛbɔ so, ɛhɔ ara na abue ama wɔakan. Enti sɛ woma wɔn nhoma a yɛaprente sɛ wɔnkan a, ɛnkyɛ na wɔn ani aha.” a

 Sɛ wokan ade wɔ ɛlɛtrɔnik afiri te sɛ fon anaa tablɛt so a, ɛso wɔ mfaso. Aberante bi a yɛfrɛ no John adi mfe 20. Ɔkaa sɛ: “Sukuu a na mekɔ no, na yɛde nhoma a ɛwɔ ɛlɛtrɔnik afiri so na esua ade. Merepɛ biribi na minhu a, nea na meyɛ ara ne sɛ mɛbɔ ahyɛ ɔfã a wɔde hwehwɛ ade no. Ɛhɔ ara na mahu.”

 Sɛ obi rekan ade wɔ fon, tablɛt, anaa afiri foforo so a, nneɛma bi wɔ so a ɛboa no paa. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ worekan ade na wopɛ sɛ wote asɛmfua bi ase, wobɔ biribi tie, wohwɛ video a ɛfa nea worekan no ho, anaa wokɔ intanɛt so kɔkan bi ka ho a, wode wo nsa bɔɔ so ara, na ɛda mu! Nanso, nea yɛaka yi nti, ɛkyerɛ sɛ wokan ade wɔ fon anaa tablɛt so a, eye sen sɛ wobɛkan nhoma a yɛaprente anaa?

 Ebinom wɔ hɔ a, sɛ wɔpɛ sɛ wɔsua ade na wɔte ase yiye a, wɔde nhoma a yɛaprente na esua. Adɛn ntia?

  •   Ɛma wɔtumi de wɔn adwene si nea wɔresua no so. Aberante bi a yɛfrɛ no Nathan kaa sɛ, “Sɛ merekan ade wɔ fon anaa tablet so a, mehu ara na mɛsegye anaa advɛt abegu so.”

     Abaayewa bi a yɛfrɛ no Karen adi mfe 20. Ɔkaa sɛ: “Sɛ meresua ade wɔ fon anaa tablɛt so a, ɛyɛ a na ɛyɛ me sɛ minnyae na mimmue app foforo anaa memmɔ geem mmom.”

     Bible mu afotusɛm: “Momfa mo bere nyɛ nneɛma a ɛho hia.”—Kolosefo 4:5.

     Dwen wei ho: Sɛ wo ba kenkan ade wɔ tablɛt anaa fon so a, obetumi ahyɛ ne ho so a nneɛma foforo rentwetwe n’adwene anaa? Sɛ ɔrentumi nhyɛ ne ho so a, dɛn na wubetumi ayɛ na wo ba no atumi de n’adwene asi nea ɔresua no so?

     Nea ɛbɛboa wo: Boa wo ba ma ɔnte ase sɛ, sɛ ɔde fon anaa tablɛt resua ade na ɔma nneɛma a ɛba so no twetwe n’adwene a, ɛremma onwie ne homwɛk ntɛm, na ɛba saa a, ɔrennya bere pii nyɛ nneɛma foforo a ɔpɛ sɛ ɔyɛ.

  •   Ɛma wɔte nea wɔresua no ase yiye. Nhoma bi ka sɛ, “Nhwehwɛmu pii a nkurɔfo ayɛ kyerɛ sɛ, sɛ obi kan biribi a yɛakyerɛw wɔ nhoma a yɛaprente mu a, ɔte ase yiye sen sɛ anka ɔbɛkan ade koro no ara wɔ fon anaa tablɛt so.”—Be the Parent, Please.

     Ade baako a ɛma ɛba saa ne sɛ, wɔn a wɔkan ade wɔ fon anaa tablɛt so no, ɛyɛ a wɔtaa de wɔn ani fa mu kɛkɛ; wɔnnye bere nnwinnwen ho yiye. Owura Nicholas Carr yɛ obi a ɔkyerɛw nhoma. Ɔkaa sɛ, “Intanɛt de . . . wokɔ so a, biribiara a w’ani bɛbɔ so biara, ɛyɛ a wopɛ sɛ wode w’ani fa so ntɛm na wokɔ foforo so.” b

     Ɛwom, ɛtɔ da na worekan ade na wode w’ani fa mu a, eye. Nanso Owura Carr kaa sɛ ɔhaw a ɛwɔ ho ne sɛ, asɛ “seesei saa na yɛn mu pii kan ade.” Enti anhwɛ a, wo ba no benya suban bi a ɛne sɛ, sɛ ɔresua ade a, ɔde n’ani bɛfa mu kɛkɛ. Ɛba saa a, ɔrente ase yiye.

     Bible mu afotusɛm: “Nea wubenya biara, hwehwɛ ntease ka ho.”—Mmebusɛm 4:7.

     Dwen wei ho: Sɛ wo ba de nhoma a yɛaprente na ɛresua ade oo, sɛ ɔde fon anaa tablɛt na ɛresua oo, dɛn na wubetumi ayɛ aboa no na ama watumi ayɛ nea ɔresua no mu nhwehwɛmu akɔ akyiri?

     Nea ɛbɛboa wo: Da ntease adi. Sɛ́ obi bɛkan nhoma a yɛaprente anaa ɔbɛkan nea ɛwɔ fon anaa tablɛt so no, ɛnyɛ ɛno ne asɛm no. Emu biara ye. Nea ɛwom ne sɛ, nhoma a ɛwɔ ɛlɛtrɔnik mfiri so no, nneɛma bi ka ho a ɛboa ma wutumi te nea worekan no ase yiye. Enti sɛ wo ne wo mma resusuw nea eye ne nea enye wɔ nhoma a yɛaprente anaa nea ɛwɔ fon ne tablɛt so ho a, ɛyɛ a da ntease adi. Kae nso sɛ, abofra biara ne nea ɛbɛboa no.

  •   Ɛma wɔkae nea wɔasua no. Owura bi a yɛfrɛ no Ferris Jabr de nhoma a yɛaprente a yɛkenkan totoo nhoma a yɛkenkan wɔ fon ne tablɛt so ho. Ɔkaa sɛ, sɛ obi kan ade wɔ fon anaa tablɛt so a, “ɛma n’adwene yɛ adwuma brɛ paa . . . na ɛma ɛyɛ den sɛ ɔbɛkae nea wakenkan no.”—Scientific American.

     Yɛmfa no sɛ obi rekan nhoma a yɛaprente. Sɛ ohu asɛm bi a n’ani gye ho a, baabi a asɛm no wɔ wɔ nhoma no mu no, otumi de n’adwene twa ho mfoni. Enti akyiri yi sɛ ɔrepɛ baabi a asɛm no wɔ a, ɛma ɔkae no ntɛm.

     Nkurɔfo a wɔyɛ nhwehwɛmu nso abehu sɛ, wɔn a wɔkan nhoma a yɛaprente no, ɛyɛ a wɔtaa kae nea wɔakenkan no. Nhoma a yɛaprente no, ɛbɛyɛ sɛ ɛma wɔtumi sua ade yiye, na ɛno na ɛma wɔkae nea wɔasua no.

     Bible mu afotusɛm: “Bɔ nyansa ne adwempa ho ban.”—Mmebusɛm 3:21.

     Dwen wei ho: Sɛ wo ba kenkan ade anaa osua ade a, ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛte ase anaa ɔbɛkae anaa? Ɛnde wobɛyɛ dɛn aboa wo ba ama ɔkwan a ɔfa so sua ade no atu mpɔn? Sɛ woma wo ba no de nhoma a yɛaprente sua ade a, ɛbɛboa anaa?

     Nea ɛbɛboa wo: Ma wo ba no mmɔdenbɔ nhia wo nsen ade a ɔpɛ sɛ ɔde sua ade. Ɛtɔ da a, ebinom hããhãã wɔn ani ka sɛ wɔde fon anaa tablɛt sua ade a ɛboa wɔn paa, nanso wobɛhwɛ mu bɛhwɛ mu na ɛnte saa.

a Efi nhoma a yɛato din iGen mu.

b Efi nhoma a yɛato din The Shallows mu.