Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Nea Enti a Ehia Sɛ Mmofra Kenkan Ade—Ɔfã 1: Wobɛkan Ade Anaa Wobɛhwɛ Biribi?

Nea Enti a Ehia Sɛ Mmofra Kenkan Ade—Ɔfã 1: Wobɛkan Ade Anaa Wobɛhwɛ Biribi?

 Sɛ wo mma redwudwo wɔn ho a, dɛn na wɔbɛyɛ? Wɔbɛhwɛ video, anaa wɔbɛpɛ biribi akan? Wei mu nea ɛwɔ he na wɔbɛyɛ: wɔbɛfa smatfon anaa wɔbɛfa nhoma akenkan?

 Mfe pii ni, nneɛma bi ama nkurɔfo nhyɛ da mpɛ akenkan. Kan no, na ɛyɛ TV, nanso seesei ɛyɛ Intanɛt so nneɛma a wotumi hwɛ ne nea wotumi yɛ wɔ hɔ. Afe 1990 no, Jane Healy kyerɛwee wɔ ne nhoma mu sɛ, “Ɛrenkyɛ nkurɔfo begyae akenkan.”—Endangered Minds.

 Bere a ɔkaa saa asɛm no, ebia na ebinom adwene yɛ wɔn sɛ ɛremma saa da. Nanso bɛyɛ mfe 30 akyi, akyerɛkyerɛfo binom a wɔwɔ aman a abɛɛfo mfiri abu so ahyɛ no nsow sɛ, mmerante ne mmabaawa pii ntumi nkenkan ade sɛnea na nkurɔfo tumi yɛ no bere bi a atwam no.

Nea yɛrebɛka ho asɛm

 Adɛn nti na ehia sɛ mmofra kenkan ade?

  •   Akenkan ma wutumi twa nneɛma ho mfoni. Fa no sɛ worekan anansesɛm bi. Nnipa a ɛwɔ anansesɛm no mu no, sɛn na wɔkasa? Wɔte sɛn? Nneɛma a atwa hɔ ahyia no te sɛn? Saa nsɛmmisa yi, ebia onipa a ɔkyerɛw anansesɛm no bɛka ho asɛm kakra, nanso nea ɔbɛkenkan anansesɛm no na ɛsɛ sɛ ɔde n’adwene twa nea aka no ho mfoni.

     Maame bi a ne din de Laura kaa sɛ: “Sɛ yɛhwɛ sini anaa video a, nea yehu no yɛ sɛnea obi foforo atwa biribi ho mfoni wɔ n’adwenem.” Ɔtoaa so sɛ, “Sɛ wohwɛ video bi saa a, ɛyɛ anika. Nanso biribi wɔ hɔ a ɛma akenkan yɛ dɛ sen saa. Ɛne sɛ, sɛ wokenkan ade a, wutumi twa nsɛm a obi akyerɛw ho mfoni wɔ w’adwene mu.”

  •   Akenkan ma mmofra nya suban pa. Mmofra a wɔkenkan ade no, sɛ wohyia ɔhaw a, wotumi dwen ho yiye hu sɛnea wobedi ho dwuma kama. Afei sɛ mmofra rekenkan ade a, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn adwene si akenkan no so. Sɛ wɔyɛ saa a, wotumi nya suban te sɛ abotare, ahohyɛso, ne mmɔborɔhunu.

     Mmɔborɔhunu? Aane! Nkurɔfo bi ayɛ nhwehwɛmu ahu sɛ, sɛ mmofra kan ade brɛoo, na wodwen nea wɔrekan no ho a, ɛma wotumi hu sɛnea nnipa a wɔrekan wɔn ho asɛm no te nka. Ɛno betumi aboa mmofra no ama wɔanya mmɔborɔhunu ama wɔn a wonim wɔn.

  •   Akenkan ma nnipa dwen kɔ akyiri. Wɔn a wɔto wɔn bo ase kenkan ade no, wɔmfa ntu mmirika. Sɛ ehia sɛ wɔsan fa akenkan no so bio mpo a, wɔyɛ no saa. Ɛno boa wɔn ma wohu nea ɔkyerɛwfo no repɛ akyerɛ. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛma wotumi kae nea wɔkenkanee no, na wonya so mfaso.—1 Timoteo 4:15.

     Agya bi a ne din de Joseph kaa biribi a wahyɛ no nsow sɛ: “Sɛ wokenkan asɛm bi a, ɛyɛ mmerɛw sɛ wubedwinnwen ho, wode bɛtoto nea wunim dedaw ho, na woahwɛ nea wubetumi asua afi mu. Nneɛma a yɛhwɛ no de, ɛmma yɛntaa nnwinnwen nneɛma ho nkɔ akyiri.”

 Nea yɛreka akosi: Ɛwom, video ne nneɛma foforo a yɛhwɛ no wɔ nea ɛyɛ de boa yɛn, nanso sɛ wo mma nnye bere nkenkan ade a, ɛnde na wɔrehwere ade paa.

 Nea wubetumi ayɛ de aboa wo mma ama wɔn ani agye akenkan ho

  •   Fi ase ntɛm. Maame bi a wɔfrɛ no Chloe wɔ mma mmarima mmienu. Ɔkaa sɛ, “Bere a yɛn mma no hyɛ yafunu mu tɔnn na yefii ase kenkan ade kyerɛɛ wɔn. Yɛwoo wɔn nso yɛtoaa so. Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛyɛɛ saa a yɛannyae. Akyiri yi, wɔn ani begyee akenkan ho paa. Sɛ wɔredwudwo wɔn ho mpo a, wɔpɛ biribi kan.”

     Bible mu afotusɛm: “Wo mmofraase na wusuaa nkyerɛwee kronkron no.”—2 Timoteo 3:15.

  •   Ma ɛnyɛ mmerɛw sɛ wo mma betumi akenkan ade wɔ fie. Ɛyɛ a munnya nhoma wɔ fie sɛnea ɛbɛyɛ a akenkan bɛyɛ wo mma akɔnnɔ. Tamara yɛ ɔbaatan a ne mma yɛ nnan. Ɔkaa sɛ: “Pɛ nhoma a wohwɛ a wo mma ani begye ho, na fa gu wɔn mpa ho.”

     Bible mu afotusɛm: “Kyerɛkyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin mpo a, ɔremman mfi ho.”—Mmebusɛm 22:6.

  •   Tew Intanɛt so akyinkyinakyinakyin so. Agya bi a ne din de Daniel kaa sɛ, ɛyɛ papa sɛ abusua no bɛpɛ anwummere bi a wobedum wɔn TV, na obiara nso adum ne fon anaa ne tablɛt. Ɔkaa sɛ: “Sɛ anwummere baako mpo na yebenya no nnawɔtwe no mu a, na yedum TV no. Afei na obiara pɛ biribi kenkan. Ɛtɔ da a, na yɛbom kan, ɛtɔ da nso a, na obiara kan ne de.”

     Bible mu afotusɛm: ‘Monhwehwɛ mu nhu nneɛma a ehia paa no.’—Filipifo 1:10.

  •   Yɛ nhwɛso pa. Karina yɛ maame a ɔwɔ mmaayewa mmienu. Ɔkaa sɛ: “Sɛ worekan ade akyerɛ wo mma a, kan ma ɛnyɛ anika sɛnea ɛbɛyɛ a wo mma no behu sɛ w’ani gye nea worekan no ho. Sɛ w’ani gye akenkan ho a, ebia wo mma besuasua wo.”

     Bible mu afotusɛm: “Ma w’ani nku baguam akenkan, afotu, ne nkyerɛkyerɛ ho kosi sɛ mɛba.”—1 Timoteo 4:13.

 Ɛnyɛ mmofra nyinaa na wɔn ani begye akenkan ho. Nanso sɛ wohyɛ wɔn nkuran a, ebia ebepusuw wɔn ama wɔapɛ akenkan. Agya bi a wɔfrɛ no David a ɔwɔ mmaayewa mmienu mpo de, ɔyɛ nea ɛsen saa. Ɔkaa sɛ: “Nea me mma mmea no kan no, ɛno ara na na me nso mekan. Ɛma mihuu nneɛma a wɔn ani gye ho, na ɛmaa yenyaa biribi a yɛbɛbɔ ho nkɔmmɔ. Me ne wɔn tew kuw ketewaa bi a na yɛbom kenkan ade. Ná ɛyɛ anika sɛ!”