Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛ Obi Nkɔ Mo Asɔre no Bi a, Mubu no Sɛn?

Sɛ Obi Nkɔ Mo Asɔre no Bi a, Mubu no Sɛn?

 Bible ka sɛ “mummu nnipa nyinaa,” enti ɔsom biara a obi wom no, yebu no. (1 Petro 2:​17, Today’s English Version) Sɛ wokɔ aman bi so a, wubehu Yehowa Adansefo mpempem pii, nanso yentutu ngu ɔman mpanyimfo ne mmarahyɛfo asom sɛ wɔmmara ɔsom afoforo. Afei nso yɛmmɔ dawuru sɛ ɔman no nhyɛ mmara mma obiara mmɔ ne bra sɛ yɛn. Mmom no, sɛnea yɛpɛ sɛ nkurɔfo nya obu ma yɛn no, saa ara na yɛn nso yɛwɔ obu ma nkurɔfo.​—Mateo 7:12.