Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nhyehyɛe a Ɛkyerɛ Sɛnea Wɔde Cookie Ne Program Ahorow a Ɛtete Saa Di Dwuma Wɔ Wiase Nyinaa

Nhyehyɛe a Ɛkyerɛ Sɛnea Wɔde Cookie Ne Program Ahorow a Ɛtete Saa Di Dwuma Wɔ Wiase Nyinaa

Sɛnea ɛte wɔ wɛbsaet pii so no, wode wɛbsaet yi di dwuma a, nea woyɛe no ho nsɛm kakra ka wo mobal fon, tablɛt, anaa wo kɔmputa hard drive so. Nea ɛma etumi ba saa no yɛ biribi a wɔfrɛ no cookie, web beacon, ne abɛɛfo program ahorow bi a ɛtete saa a ɛwɔ w’afiri no so. Nhyehyɛe yi mu no, yɛka cookie a, ɛkyerɛ nneɛma ahorow bi a abɛɛfo program ahorow te sɛ localStorage ka ho. Cookie boa ma wɛbsaet yi yɛ adwuma. Afei, cookie ma yehu sɛnea nkurɔfo de wɛbsaet yi yɛ adwuma. Nsɛm a ɛte sei a yɛn nsa ka no, yegyina so yɛ wɛbsaet no mu nsakrae sɛnea ɛbɛyɛ a ebetu mpɔn. Sɛ obi de yɛn wɛbsaet no yɛ adwuma a, yɛmmɔ mmɔden sɛ yebehu nipa kõ a ɔyɛ, gye sɛ ɔno ankasa hyehyɛ fɔɔm anaa akwammisa krataa wɔ wɛbsaet no so de ne ho nsɛm ma yɛn.

Cookie. Cookie ahorow pii na ɛwɔ hɔ. Emu biara wɔ dwuma a edi, na ne nyinaa boa ma wutumi de wɛbsaet no yɛ adwuma yiye. Sɛ yɛpɛ sɛ yehu sɛ wode wɛbsaet no ayɛ adwuma da, anaa yɛpɛ sɛ yehu baabi a wotaa kɔ wɔ wɛbsaet no so a, cookie boa ma yehu. Fa no sɛ wopɛ sɛ bere biara a wubebue jw.org no, ebue wɔ kasa pɔtee bi mu, yebetumi de asie cookie bi mu, na bere biara a wobɛsan de wɛbsaet yi ayɛ adwuma no, yɛde saa kasa no abue ama wo. Yɛmfa cookie nni gua.

Cookie ahorow mmiɛnsa na yɛde yɛ adwuma wɔ wɛbsaet yi so:

  1. Cookie Ahorow a Ɛsɛ Sɛ Yɛde Yɛ Adwuma Ɔkwan Biara So. Cookie a ɛte saa ho hia na ama woatumi de wɛbsaet no fã ahorow bi ayɛ adwuma. Ebi te sɛ baabi a wubehia password ansa na woatumi akɔ hɔ anaa bere a wode fɔɔm ahorow remena. Sɛ cookie ahorow yi nni hɔ a, worentumi mfa wɛbsaet no so nyi ntoboa. Ɛnyɛ ɛno nko ara. Ɛtɔ da a, bere a wode wɛbsaet no reyɛ adwuma no, wobɛpɛ sɛ yɛyɛ biribi pɔtee bi ma wo, ɛba saa a, cookie ahorow yi na ɛboa ma yetumi yɛ nea woabisa no. Cookie a yɛde yɛ adwuma no, ɛremmoaboa wo ho nsɛm mma yɛmfa nni gua, na saa ara nso na ɛremfa dwuma a wudi wɔ intanɛt so ho nsɛm nsie.

  2. Cookie Ahorow a Ɛma Wɛbsaet So Dwumadi Yɛ Mmerɛw. Wei boa ma wɛbsaet no tumi kaakae wo ho nsɛm bi te sɛ username anaa edin a wode buee account no, kasa a wopawee, anaa ɔman a wowom. Afei ɛboa ma wutumi de nneɛma foforo a wɔde aka wɛbsaet no ho no di dwuma, na ama w’ani agye wɛbsaet no ho.

  3. Cookie Ahorow a Ɛma Yetumi Hu Nneɛma Bi. Wei ma yetumi hu sɛnea nkurɔfo de wɛbsaet yi yɛ adwuma, te sɛ mpɛn dodow a obi de wɛbsaet yi ayɛ adwuma anaa bere dodow a odii wɔ so. Saa nsɛm yi boa yɛn ma yetumi yɛ wɛbsaet yi mu nsakrae na atu mpɔn.

Cookie no bi wɔ hɔ a, yɛn na yɛde agu wɛbsaet yi so. Ebi nso yɛ nnwumakuw afoforo de. Yɛn cookie nko ara na yɛde yɛ adwuma. Sɛ yɛde nnwumakuw foforo cookie bɛyɛ adwuma a, gye sɛ Google reCAPTCHA apene so. Google reCAPTCHA boa ma obi tumi hu sɛ nea ɔde kɔmputa no reyɛ adwuma no yɛ onipa anaa robot, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara remfa wɛbsaet no nni dwuma wɔ kwammɔne so. Yɛsrɛ wo hwɛ Google nhyehyɛe yi ho nsɛm wɔ https://www.google.com/intl/en/policies/privacy/.

Web Beacon. Wɛbsaet no fã ahorow bi wɔ hɔ a, ebia wubehu ɛlɛtrɔnik files nketewa bi a yɛfrɛ no web beacon. Ɛboa yɛn ma yetumi de nneɛma bi sie, te sɛ bere a wode wɛbsaet no fã baabi reyɛ adwuma no. Web beacon boa ma yehu sɛnea nkurɔfo de wɛbsaet no yɛ adwuma. Afei, ɛma yehu sɛnea wɛbsaet no reyɛ adwuma.

IP Address Ahorow a Yɛde Yɛ Adwuma. IP address yɛ nɔma bi a ɛma yetumi hu kɔmputa ko a wode reyɛ adwuma bere a wowɔ Intanɛt so. Yɛde wo IP address ne browser kõ a wode kɔɔ wɛbsaet no so na ɛhwɛ nneɛma bi a ɛnkɔ yiye wɔ wɛbsaet yi so. Afei, ɛboa yɛn ma yehu sɛnea wode wɛbsaet no reyɛ adwuma. Yɛyɛ wei nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu nsakrae a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama wɛbsaet no atu mpɔn ma woatumi de adi dwuma yiye. Nanso, IP address no rentumi nkyerɛ onipa ko a woyɛ ankasa, gye sɛ nsɛm foforo bi ka ho.

Hokwan a Wowɔ. Bere a edi kan a wode wɛbsaet yi yɛɛ adwuma no, yɛde yɛn cookie ahorow guu wo browser no ne wo kɔmputa no so. Sɛ wokɔ yɛn wɛbsaet yi so a, ɛkyerɛ sɛ wugye tom sɛ yebetumi de cookie ahorow ne abɛɛfo program ahorow a ɛyɛ adwuma sɛ cookie adi dwuma. Sɛ ɛba sɛ wopɛ sɛ wuyi cookie no fi wo kɔmputa so a, wubetumi ayɛ saa wɔ wo browser settings no mu. Nanso, yɛsrɛ wo hyɛ no nsow sɛ, sɛ woamfa cookie anyɛ adwuma a, worentumi mfa wɛbsaet no fã ahorow bi nyɛ adwuma. Ɛsono sɛnea wubetumi ayi cookie afi browser biara so. Sɛ wopɛ ɛho akwankyerɛ nyinaa a, wubetumi ahwɛ Help afã a ɛwɔ wo browser no mu no.