Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nhyehyɛe a Ɛkyerɛ Sɛnea Yɛde Nkurɔfo Ho Nsɛm Di Dwuma

Nhyehyɛe a Ɛkyerɛ Sɛnea Yɛde Nkurɔfo Ho Nsɛm Di Dwuma

ƐHO HIA: SƐ WODE YƐN WƐBSAET YƐ ADWUMA ANAA WODE WO HO NSƐM MA YƐN A, ƐKYERƐ SƐ WODE HOKWAN NYINAA AMA YƐN SƐ YEBETUMI DE WO HO NSƐM AYƐ ADWUMA SƐNEA WƆAKYERƐ WƆ NHYEHYƐE A ƐWƆ ASE HA YI MU NO. AFEI, ƐKYERƐ SƐ WOAMA KWAN SƐ YƐMFA WO HO NSƐM NO NYƐ ADWUMA SƐNEA MMARA A ƐKYERƐ ƆKWAN A ƐSƐ SƐ YƐFA SO KORA NKURƆFO HO NSƐM SO KA NO.

Nhyehyɛe a Ɛkyerɛ Sɛnea Yɛde Nkurɔfo Ho Nsɛm Di Dwuma

Hwɛ Nea Edidi So Yi Nso

  • Nhyehyɛe a Yehowa Adansefo De Bɔ Nkurɔfo Ho Nsɛm Ho Ban Wɔ Wiase Nyinaa

  • Nhyehyɛe a Ɛkyerɛ Sɛnea Yɛde Nkurɔfo Ho Nsɛm Yɛ Adwuma Wɔ Wiase Nyinaa

  • Nhyehyɛe a Ɛkyerɛ Sɛnea Yɛde Cookie Ne Abɛɛfo Program Ahorow a Ɛyɛ Adwuma Sɛ Cookie Di Dwuma

 WO HO NSƐM A YƐBƐBƆ HO BAN HO HIA YƐN

Wo ho nsɛm a yɛbɛbɔ ho ban no ho hia yɛn pa ara, enti yɛbɛyɛ nea yebetumi biara ayɛ saa. Wo ho nsɛm biara a yebegye anaa wode bɛma yɛn no, nhyehyɛe a ɛwɔ ha yi kyerɛ sɛnea yɛde bɛyɛ adwuma wɔ yɛn wɛbsaet no so. Bere biara a wode yɛn wɛbsaet no bɛyɛ adwuma no, yɛde wo ho nsɛm kakra sie. Yegye tom sɛ, ɛho hia sɛ yɛbɔ saa nsɛm no ho ban, na yɛma wuhu nea yɛde bɛyɛ. Wopɛ a, wubetumi de wo ho nsɛm anaa nea yɛfrɛ no personal data ama yɛn. Nhyehyɛe yi mu no, yɛka “personal data” a, ebetumi ayɛ wo din, w’address, wo e-mail address, tɛlɛfon nɔma, anaa biribi foforo biara a ebetumi ama yɛahu wo. Sɛ wode wɛbsaet yi fã a obiara tumi kɔ hɔ bi no redi dwuma a, wɔremmisa wo ho nsɛm biara. Yɛka “wɛbsaet” a, nea yɛrepɛ akyerɛ ne wɛbsaet yi ne nea ɛkeka ho te sɛ, apps.pr418.com, tv.pr418.com, stream.pr418.com, ne wol.pr418.com.

 WƆN A WƆDE WO HO NSƐM DI DWUMA

Wɛbsaet yi yɛ Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. (“Watchtower”) dea. Wɔyɛ adwumakuw bi a ɛwɔ New York a wɔnyɛ adwuma mpɛ mfaso. Wɔboa Yehowa Adansefo wɔ wɔn dwumadi ahorow ne Bible nkyerɛkyerɛ adwuma a wɔyɛ no mu. Sɛ wo ara wusi gyinae sɛ wubebue account, wubeyi ntoboa, wobɛhyehyɛ ɔfã a ɛwɔ intanɛt so no ama obi ne wo abesua Bible a wuntua hwee, anaa wobɛyɛ biribi foforo biara a ebehia sɛ wode wo ho nsɛm ma wɔ wɛbsaet yi so a, ɛkyerɛ sɛ wugye nsɛm a ɛwɔ nhyehyɛe yi mu tom. Afei nso, ɛkyerɛ sɛ wugye tom sɛ, yebetumi de wo ho nsɛm agu kɔmputa anaa servers a ɛwɔ United States of America so. Bio nso, nea ɛkyerɛ ne sɛ, wugye tom sɛ Watchtower ne nnwumakuw afoforo a wɔwɔ aman ahorow so a wɔboa Yehowa Adansefo adwuma betumi agye wo ho nsɛm, akora so, de adi dwuma, na wɔde amena sɛnea ɛbɛyɛ a yebedi w’abisade no ho dwuma. Yehowa Adansefo ahyehyɛde no nam nnwumakuw a ɛwɔ aman horow so na ɛyɛ adwuma wɔ wiase baabiara. Yɛfa Yehowa Adansefo asafo ahorow, yɛn ɔfese a ɛwɔ aman horow so, ne Yehowa Adansefo nnwumakuw afoforo so na ɛbɔ nkurɔfo ho nsɛm ho ban.

Sɛnea wode wɛbsaet no bedi dwuma no na ɛbɛkyerɛ baabi a wo ho nsɛm anaa wo personal data bɛkɔ. Sɛ nhwɛso no, sɛ wuyi ntoboa de boa Yehowa Adansefo adwumakuw bi a ɛwɔ ɔman pɔtee bi mu a, yɛde wo din ne wo ho nsɛm bɛma saa adwumakuw no. Nhwɛso foforo nso ni. Sɛ wopɛ sɛ obi ne wo besua Bible a, yɛde wo din ne wo ho nsɛm bɛmena Yehowa Adansefo ɔfese ne asafo bi wɔ ɔman a wowom no mu na ama wɔatumi adi w’abisade no ho dwuma.

Sɛ ɔman a wote mu no wɔ mmara a wɔde bɔ nkurɔfo ho nsɛm ho ban a, wubehu wɔn ho nsɛm wɔ Aman a Wɔwɔ Mmara a Wɔde Bɔ Nkurɔfo Ho Nsɛm Ho Ban Address afã hɔ.

 WO HO NSƐM A YƐBƐBƆ HO BAN NA YƐAKORA SO

Wo ho nsɛm a yɛbɛbɔ ho ban na yɛakora so no ho hia papaapa. Yɛde abɛɛfo mfiri ne akwan ahorow a wɔde kora nkurɔfo ho nsɛm so na ɛbɔ wo ho nsɛm no ho ban. Eno boa ma wo ho nsɛm nkodi obi a onni kwan sɛ ne nsa ka hɔ. Afei nso, ɛmma obi mfa wo ho nsɛm nni dwuma wɔ kwammɔne so anaa ɔmfa nto gua. Bio nso, ɛmma obi nsesa wo ho nsɛm bere a wunnim ho hwee, na wo ho nsɛm nso nyera. Obiara a wo ho nsɛm anaa wo personal data bɛba abedi ne nsam anaa adwumakuw foforo biara a wo ho nsɛm bɛkɔ akodi ne nsam no, yɛma wohu sɛ ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔbɛbɔ ho ban na wɔahwɛ sɛ wɔremma obiara nte ho asɛm. Yɛkora wo ho nsɛm no so kosi sɛ atirimpɔw nti a yegyei anaa wode maa yɛn no bɛba awiei. Anaa yɛkora so bere dodow a mmara ma kwan sɛ yebetumi ayɛ saa.

Sɛ yɛde wo ho nsɛm anaa personal data remena a, yɛde program bi te sɛ Transport Layer Security (TLS) bɔ ho ban. Kɔmputa ahorow a yɛde nkurɔfo ho nsɛm a yɛn nsa ka gu so no, ɛwɔ adan a wɔafa akwannuasa nyinaa so abɔ ho ban mu. Afei nnipa kakraa bi pɛ na wɔwɔ kwan sɛ wɔkɔ mu. Yɛayɛ wei nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a onni kwan no rentumi nkɔ mu.

 MMOFRA

Sɛ ɔman a wote mu no, wo mfe nti wobu wo sɛ woyɛ abofra, na wopɛ sɛ wode wo ho nsɛm anaa wo personal data fa wɛbsaet yi so ma yɛn a, wubetumi ayɛ saa, nanso gye sɛ w’awofo anaa ɔpanyin bi a ɔhwɛ wo pene so ansa. Sɛ woyɛ ɔwofo anaa obi a wohwɛ abofra bi so, na wopene so sɛ abofra no mfa ne ho nsɛm mfa wɛbsaet yi so mma yɛn a, ɛkyerɛ sɛ wugye saa nhyehyɛe yi tom.

 NNWUMAKUW AFOFORO A WƆDE WO HO NSƐM YƐ ADWUMA (THIRD-PARTY VENDORS)

Ɛyɛ a yɛma nnwumakuw afoforo di w’abisade no fã ahorow bi ho dwuma ma yɛn (ɛho nhwɛso ne wo ho nkrataa a wɔhyehyɛ wɔ intanɛt so). Yɛfrɛ wɔn third party vendors. Ɛtɔ da a, wohwɛ wɛbsaet yi so a, wubehu third party vendors a yɛne wɔn yɛ adwuma no wɛbsaet link ahorow. Sɛ wukopue third party vendor wɛbsaet so bere a wode wɛbsaet yi reyɛ adwuma a, nneɛma bi bɛsesa ama woahu. Afei nso, address a ɛwɔ wo browser no so no bɛsesa. Ansa na yɛbɛpaw third party vendor a ɔbɛboa yɛn ama yɛadi w’abisade no ho dwuma no, yedi kan hwɛ sɛ wɔn nhyehyɛe a wɔde kora nkurɔfo ho nsɛm so no ne yɛn de hyia. Ɛno akyi nso, ɛwom ara a yɛhwɛ sɛ wɔn nhyehyɛe no da so ara di mũ anaa. Third party vendors nhyehyɛe a wɔde kora nsɛm so no, sɛ wowɔ ho nsɛmmisa bi a, yɛsrɛ wo hwɛ wɔn nhyehyɛe afã hɔ wɔ wɔn wɛbsaet no so.

 NEA ƐBƐMA WOAHU SƐ YƐAYƐ NHYEHYƐE YI MU NSAKRAE

Yegu so ara reyɛ nsakrae pii a ɛbɛma wɛbsaet yi ayɛ adwuma yiye. Yɛde nneɛma foforo rekeka ho na ama sɛnea seesei ɛreyɛ adwuma no atu mpɔn. Esiane saa nsakrae yi ne nsakrae a ɛkɔ so wɔ mmara ne mfiridwuma mu nti, ɛwom ara a sɛnea yɛde nkurɔfo ho nsɛm di dwuma no nso bɛsesa. Seesei, nsakrae pii rekɔ so wɔ abɛɛfo mfiri ahorow mu da biara, na saa ara nso na mmara ahorow a ɛfa sɛnea yɛde nkurɔfo ho nsɛm di dwuma no resesa. Ɛba saa a, sɛnea yɛde nkurɔfo ho nsɛm nso bɛyɛ adwuma no nso bɛsesa. Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae biara wɔ yɛn nhyehyɛe a ɛkyerɛ sɛnea yɛde nkurɔfo ho nsɛm di dwuma no mu a, yɛde bɛto wɛbsaet no so wɔ saa ɔfã yi. Ɛno bɛma moahu nsɛm a yegye ne sɛnea yɛde saa nsɛm no bedi dwuma.

 ACTIVE SCRIPTING ANAA JAVASCRIPT

Yɛde JavaScript di dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wɛbsaet yi bɛyɛ adwuma yiye. Sɛ worehwehwɛ biribi wɔ wɛbsaet ha a, JavaScript bɛboa wo ama woahu no ntɛm. Nanso, yɛmfa JavaScript ntwe program biara ngu wo kɔmputa so. Saa ara nso na yɛremfa JavaScript ntwe wo ho nsɛm biara bere a wommaa kwan sɛ yɛnyɛ saa.

Nea ɛbɛyɛ na wɛbsaet ha nneɛma bi ayɛ adwuma yiye no, ɛsɛ sɛ wosɔ JavaScript no wɔ wo browser no mu. Intanɛt browser pii wɔ hɔ a, ɛma kwan ma wutumi sɔ JavaScript anaa wudum no. Sɛ wopɛ sɛ wuhu ɔkwan a wobɛfa so asɔ JavaScript anaa woadum no wɔ wo browser no mu a, kenkan akwankyerɛ a ɛka browser no ho no.