Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

WƆBƆE ANAA?

Nea Ɛma Ekuro Tumi Wu

Nea Ɛma Ekuro Tumi Wu

NNEƐMA pii na ɛma nnipa tumi tena nkwa mu. Emu baako ne sɛnea ekuro tu obi a, ɛtumi wu no. Sɛ obi pira a, ntɛm ara na nipadua no afi ase resiesie ne ho.

Susu ho: Nneɛma a ɛboa ma ekuro tumi wu no dɔɔso.

  • Sɛ obi pira a, mogya mu nkwammoa ntraantraa no bɛsisi ntini a atwa no anim na mogya no atumi atwa.

  • Sɛ baabi a atwa no hyɛ nsuo a, ɛhohoro kuro no anim yi mu fĩ nyinaa na ankɔfa ɔhaw foforo biara amma.

  • Nipadua no yɛ wei nyinaa wie a, ɛnkyɛ na afi ase rekum kuro no; ekuro no anim ka twom anaa ɛyɛ ketewa na afei asiesie ntini a ɛho aka no.

  • Sɛ ekuro no wu a, afei na etwã abɛda hɔ.

Nyansahufo ahwɛ sɛnea mogya tumi da no so de rɔba reyɛ nneɛma bi, na sɛ rɔba no pae a ɛno ara atumi asiesie ne ho. Wɔayɛ biribi te sɛ ntini ahyehyɛ rɔba no mu a sɛ ɛpae a nnuro a ɛwom no sɔne. Ɛyɛ nnuro ahorow mmienu, enti rɔba no pae a, nnuro no nwunu fra, na sɛ ɛwo a na asɔ baabi a apae no. Nyansahufo bi kaa sɛ, sɛnea yɛayɛ ama rɔba tumi siesie ne ho no nyɛ ade foforo, ɛyɛ biribi a nipadua no tumi yɛ dada.

Wosusu ho sɛn? Nea ɛma ekuro tumi wu no, ɛno ara na ɛbae anaa obi na ɔbɔe?