Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

WƆBƆE ANAA?

Abubummabaa Aso

Abubummabaa Aso

NHWEHWƐMU a nyansahufo ayɛ kyerɛ sɛ abubummabaa yɛ aboa a n’aso te asɛm sen biribiara wɔ wiase. Nanso wohwɛ aboa yi aso a, biribiara nni ho a ɛyɛ nwonwa; ne kɛse nyinaa te sɛ paneɛ ti.

Susu ho: Nyansahufo de mfe pii asua sɛnea abubummabaa te nnyegyeeɛ. Nanso nnansa yi ara nyansahufo a wɔwɔ University of Strathclyde, Scotland too wɔn bo ase hwɛɛ sɛnea aboa yi te nnyegyeeɛ ahorow. Wɔhuu tumi a “abɔsobaa” no de twe nnyegyeeɛ. Sɛ biribi yɛ dede ketekete bi mpo anaa ɛgye kɛ a, aboa yi te. Apan ne bonsu yɛ mmoa a wɔn aso te nnyegyeeɛ yie, nanso wɔnto abubummabaa yi koraa. Nnipa deɛ, wɔmmɛn aboa yi ho baabiara.

Nwomanimfoɔ ahu sɛ abubummabaa asom nyɛ den koraa, na wɔpɛ sɛ wɔde nea wɔasua afi aboa yi ho no yɛ mfidie ahorow. Ɔkwan bɛn so? Ɔbenfo James Windmill a ɔwɔ University of Strathclyde kaa sɛ: “Yɛde nea yɛasua afi aboa yi hɔ bɛtumi ayɛ akasam nketenkete a ɛtumi yɛ adwuma yie. Yɛbɛtumi de ahyehyɛ mobal fon ne afidie a ɛboa ma yɛte asɛm yie mu.”

Wosusu ho sɛn? Sɛ wohwɛ sɛnea abubummabaa aso te nnyegyeeɛ yi a, dɛn na wobɛka? Ɛfi adannandi, anaa wɔbɔe?