Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 SO WƆBƆE?

Nea Ɛma Kukurubin Hu Kwan

Nea Ɛma Kukurubin Hu Kwan

KUKURUBIN de tiafi yɛ nneɛma bebree. Otumi di bi; otumi to ne nkosua gu mu. Mmarima no bi nso tumi te kɛse bi ma ɔbaa de hwɛ sɛ ɔbɛtwe ama no anaa. Gye sɛ tiafi antɔ fam, ntɛm ara na wogu so. Da bi, nhwehwɛmufo hui sɛ ɔsono tiafi sum baabi a kukurubin 16,000 atu agu so; anni nnɔnhwerew mmienu na wɔatete ne nyinaa afi hɔ.

Nea kukurubin no bi yɛ ne sɛ, wɔte tiafi a esum hɔ no bi a, na wɔabɔ no kurukuruwa te sɛ bɔɔl na afei wɔapiapia akɔhyɛ anhwea mu. Sɛ kukurubin repia tiafi no a, ɔde kɔ tẽẽ; ompia nkɔ nifa nkɔ benkum. Ɔyɛ saa a, ɛma ne ho yɛ hare na kukurubin foforo annye amfi ne nsam.

Adeɛ sa a, ɛyɛ dɛn na kukurubin hu kwan pia tiafi no kɔ tẽẽ?

Dwene ho: Nkurɔfo yɛɛ nhwehwɛmu hui sɛ awia anaa bosome hann tumi kyerɛ kukurubin kwan. Nanso sɛ adeɛ sa na bosome mpaee mpo a, kukurubin tumi kɔ tẽẽ. Adɛn ntia? South Africa nyansahufo bi ahu sɛ ɛnyɛ nsoromma mmaako mmaako a kukurubin hu na ɛkyerɛ no kwan, mmom hann a efi nsorommakuw pepeankoma (nea yɛfrɛ no Milky Way) mu no, ɛno na ɛkyerɛ no kwan. Nhoma bi kyerɛ sɛ, “Eyi ne bere a edi kan a yɛahu sɛ Milky Way hann tumi kyerɛ mmoa kwan.”—Current Biology.

Nyansahufo bi a yɛfrɛ no Marcus Byrne ka sɛ kukurubin “wɔ bibiri a ɛboa wɔn ma wotumi nantew sum mu; sɛ nsoromma nhyerɛn kɛse mpo a otumi de ne nyansa hu kwan.” Ɔka kaa ho sɛ: “Nnipa betumi ahwɛ wɔn ayɛ mfiri a ebetumi ahu ade wɔ sum mu mpo.” Ɛho nhwɛso ni: Wobetumi ahwɛ kukurubin yi so ayɛ robɔt a sɛ dan dwiriw gu a ebetumi ahwehwɛ nnipa wɔ ase.

Wususu ho sɛn? Sɛnea kukurubin tumi hu kwan no, ɛno ara na ɛbae anaasɛ obi na ɔbɔe?

Ná wunim?

Kukurubin funtum asase yɛ asase yiye; wotumi pete nnua aba na wɔma nwansena so te.