Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO: YƐRETOTƆ NNEƐMA DODO?

Dɛn Nti na Yɛtotɔ Nneɛma?

Dɛn Nti na Yɛtotɔ Nneɛma?

Bere a wɔyɛɛ nhwehwɛmu bi wɔ wiase nyinaa wɔ afe 2012 mu no, nnipa a wɔkyerɛɛ wɔn adwene no mu fã gye toom sɛ wɔtotɔɔ nneɛma a na wonhia ankasa. Wɔn mu dodow no ara kae sɛ nkurɔfo totɔ nneɛma dodo. Ebia ntease wɔ nea wɔkae no mu. Ɛka amene nnipa pii ma wonhu nea wɔnyɛ wɔn ho. Nhwehwɛmufo kyerɛ sɛ, sɛ́ anka nneɛma pii a yɛtotɔ no bɛma yɛn ani agye no, ebetumi mmom agyaw adwennwen ne awerɛhow wɔ yɛn so! Ɛnde, dɛn nti na yɛkɔ so totɔ nneɛma pii saa?

AGUADIFO de nneɛma puapua yɛn dodo. Dɛn ne wɔn botae? Sɛ́ wɔbɛma yɛatotɔ nneɛma a yenhia ankasa. Wonim sɛ nkurɔfo gyina wɔn nkate so na ɛtaa tɔ ade. Enti wɔbɔ nneɛma a wɔtɔn no ho dawuru wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma adetɔ ayɛ akɔnnɔ.

Nhoma Why People Buy Things They Don’t Need ka sɛ: “Sɛ obi pɛ ade foforo bi a, ɔkɔ so twa ho mfonini wɔ n’adwene mu araa ma ɛyɛ te sɛ nea ɔrenkyinkyin hwehwɛ, wakohu, na watɔ de abedu fie.” Animdefo bi susuw sɛ, sɛ nkurɔfo retotɔ nneɛma a, wɔn ani tumi gye araa ma wɔn ho wosowosow. Aguade ho dawurubɔfo ɔbenfo Jim Pooler, kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ obi a ɔtɔn ade hu sɛ obi ani agye biribi ho a, obetumi afa ɔkwan bi so adɛfɛdɛfɛ no ma watɔ n’ade.”

Wobɛyɛ dɛn abɔ wo ho ban afi aguadifo a wɔn ani atew ho? Nni wo nkate akyi, mmom susuw nsɛm a aguadifo ka de hyɛ bɔ no ho hwɛ sɛ ebetumi abam anaa.

 NEA WƆHYƐ HO BƆ: “Ma W’asetena Ntu Mpɔn”

Obiara pɛ asetena pa. Aguade ho adawurubɔfo keka nsɛm a ɛyɛ dɛ kyerɛ yɛn nyinaa. Wɔkyerɛ sɛ, sɛ yɛba wɔn nkyɛn a, yebenya akwahosan pa, ahobammɔ, yɛn dadwen so bɛtew, na yebenya nnamfo pa.

SUSUW NNEƐMA HO YIYE:

Bere a yɛn ahode redɔɔso no, na yɛn ho nso rekyere yɛn. Sɛ yenya nneɛma pii a, ebegye bere ne sika pii ansa na yɛatumi ahwɛ so. Sɛ yɛn ho aka dɔɔso a, ɛma yɛn dadwen nso yɛ kɛse, na bere a yenya ma yɛn mmusua ne yɛn nnamfo no so tew.

Bere a yɛn ahode redɔɔso no, na yɛn ho nso rekyere yɛn

Nnyinasosɛm: “Sɛ onipa nya ma ebu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fi.”Luka 12:15.

NEA WƆHYƐ HO BƆ: “Wubegye Din na Woanya Anuonyam”

Nnipa kakraa bi na wobegye atom sɛ wɔtotɔ nneɛma de pɛ afoforo anim nyam. Nanso Jim Pooler ka sɛ: “Sɛ nkurɔfo retotɔ nneɛma a, adwene a wɔde yɛ saa ara ne sɛ wobenya nneɛma a wɔn nnamfo, afipamfo, mfɛfo adwumayɛfo, ne abusuafo wɔ no bi.” Eyi nti, aguadifo taa de nneɛma a wɔkyerɛ sɛ asikafo ani gye ho na ɛbɔ dawuru. Adwene a wɔma yenya ne sɛ: “Wo nso wubetumi ayɛ sɛ osikani no!”

SUSUW NNEƐMA HO YIYE:

Sɛ yɛde yɛn ho toto afoforo ho a, yɛn ani rensɔ nea yɛwɔ da. Sɛ yɛpere nya nea yɛpɛ wie ara pɛ a, na yɛasan de yɛn ani asi ade foforo so.

Nnyinasosɛm: “Nea ɔpɛ dwetɛ no, dwetɛ mmee no.”Ɔsɛnkafo 5:10.

NEA WƆHYƐ HO BƆ: “Ma Wonhu sɛ Wo Nso Wowɔ Hɔ”

Nhoma Shiny Objects kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nea ɛbɛma afoforo ahu onipa ko a yɛyɛ (anaa onipa ko a yɛpɛ sɛ yɛyɛ no) gyina sɛnea yɛde nea yɛwɔ bɛyɛ yɛn ho anaa yɛde bɛkyerɛ afoforo so.” Aguadifo ahu eyi na wɔbɔ mmɔden sɛ wobegyina so atoto nneɛma a wɔtɔn no din—titiriw nneɛma a ɛwɔ din a ne bo yɛ den—na wɔde bata dibea anaa abrabɔ ahorow bi ho.

Wuhu wo ho dɛn, na wopɛ sɛ afoforo hu wo dɛn? Sɛ obi a wohyehyɛ ntade a aba so? Anaa obi a wo ho yɛ den? Ɛmfa ho onipa ko wopɛ sɛ woyɛ no, aguadifo ma wote nka sɛ nea wobɛtɔ ayɛ wo ho no na ɛma wohu onipa ko a woyɛ.

SUSUW NNEƐMA HO YIYE:

Biribiara nni hɔ a yɛtɔ a, ebetumi asesa sɛnea yɛte anaasɛ ɛbɛma yɛanya su ahorow a ɛfata te sɛ ahosodi anaa anuonyam.

Nnyinasosɛm: “Mommma mo ahosiesie nnyɛ . . . sikahyɛ anaa ntadehyɛ, na mmom momma ɛnyɛ komam nipa a wahintaw.”1 Petro 3:3, 4.