Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

Minni Nsa Nanso Magye Bible Mu Nokware Atom

Minni Nsa Nanso Magye Bible Mu Nokware Atom

Sɛ obi gyina baabi na osuro a, wobɛhwɛ na waso biribi mu. Nanso esiane sɛ minni nsa nti, mintumi nyɛ saa. Bere a midii mfe nson na wotwaa me nsa. Wɔantwa me nsa a anka mewu.

Bere a me maame woo me afe 1960 mu no, na wadi mfe 17. Me papa deɛ, oguan gyaw yɛn ansa na wɔrewo me. Me ne me maame tenaa me nanabarima ne me nanabaa nkyɛn wɔ Burg, kurow ketewaa bi a na ɛwɔ German Democratic Republic, anaa East Germany. Ná nnipa a wɔwɔ hɔ no mu pii nnye nni sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ, na na m’awofo nso nnye Onyankopɔn nni. Yɛn abusua mu deɛ, na yɛmfa Onyankopɔn nyɛ hwee.

Meyɛ abofra no, na me nanabarima nni me ho agorɔ koraa. Ná me ne no yɛ nneɛma bebree bom. Ɛtɔ da a, na ɔma me foro dua twitwa so. Esiane sɛ na meyɛ abofra nti, na m’ani gye nnwuma a ɛte saa ho. Ná biribiara nhaw me, enti na m’ani gye.

ASIANE BI TOO ME MA M’ASETENA SESAE

Midii mfe nson no, da koro bi yɛɛ da bɔne maa me. Ná afei na mafi afe a ɛto so mmienu ase wɔ sukuu mu. Bere a mifi sukuu reba fie no, ɔkwan so na meforoo dade tenten bi a anyinam ahoɔden ahama sã so. Bere a moforo kɔɔ soro bɛyɛ mita 8 (anammɔn 25) no, anyinam ahama no kyeree me, na ɛde me hwee fam a na mintumi nyɛ hwee. M’ani so tetee me wɔ ayaresabea no, na me nsa nyinaa awuwu. Ná me nsa no ahyew araa ma wohwɛ a ɛnhwɛ enti na ɛsɛ sɛ wotwa, anyɛ saa a mewu. Sɛnea wubetumi ahu no, asɛm ho haw me maame paa. Afei ɛhaw me nanabarima ne me nanabaa nso. Esiane sɛ na meyɛ abofra nti, mante nea na asi no ase yiye. Mansusuw sɛnea me nsa a wɔatwa no bɛhaw me daakye no ho koraa.

Bere a woyii me fii ayaresabea no, mesan kɔɔ sukuu. Ná sukuufo mmofra no di me ho fɛw, wopiapia me, na na wɔtoto nneɛma boro me. Esiane sɛ me nsa atwitwa nti, na mintumi nyɛ ho hwee. Wodii m’ani kekaa nsɛm a ɛyɛ yaw kyerɛɛ me. Wei maa me were howee paa. Wɔde me kɔɔ mmofra a wɔadi dɛm sukuu wɔ Birkenwerder. Ɛhɔ deɛ, na yɛkɔ a yɛmma fie gye sɛ akwamma bere. Ná sukuu no mmɛn fie koraa, enti na me maame ne me nanabarima ne me nanabaa ntumi mmɛsra me. Sɛ mehu wɔn a, gye sɛ sukuu no ama kwan. Mfe du a edi hɔ no deɛ, na ɛte sɛ nea mayɛ ankonam.

MINYINII A NA MINNI NSA

Misuaa sɛ mede me nan bɛyɛ nneɛma a na mede me nsa yɛ no. Wo ara wohwɛ a, sɛ obi de ne nansoaa sɔ fɔk ne atere mu didi a, ɛte sɛn? Nanso mimiaa m’ani yɛe. Masan nso asua sɛnea mede me nan betwitwiw me sẽ ne sɛnea mede me nan bɛsɔ afẽ mu anunu me tirim. Nea ɛbɛtoom koraa nso ne sɛ, sɛ me ne nkurɔfo rekasa a, mitumi dannan me nan de sisi nsɛm so dua. Seesei deɛ, me nan abɛdan me nsa koraa.

Meyɛ abofra no, na metaa kenkan nyansahu nhoma wɔayɛ ama mmofra. Ɛtɔ da a, minyae a anka mewɔ nsa a wɔde afiri ayɛ a metumi de ayɛ biribiara. Midii mfe 14 no, mifii ase nom sigaret. Ná misusuw sɛ ɛbɛma m’ani ayɛ den na ama mate nka sɛ me nso meyɛ onipa. Ɛte sɛ nea na mereka akyerɛ me ho sɛ, ‘Nea obiara yɛ no, me nso metumi ayɛ bi. Sɛ obi nom sigaret a, ɔwɔ nsa oo, onni nsa oo, wanyin.’

Mammoamoa me ho atena faako, me ne nkurɔfo boom yɛɛ ade. Mekɔdɔm kuw bi a wɔfrɛ no Free German Youth. Ɛyɛ mmabun kuw a na ɛhyɛ aban ase. Me na na meyɛ ɔkyerɛwfo; na ɛyɛ dibea kɛse paa. Mesan kɔdɔm nnwontofo kuw bi. Afei mede me ho kɔbɔɔ kuw bi a na wɔyɛ anwensɛm. Mamma anso hɔ ara, mesan de me ho kɔbɔɔ agumadi kuw bi; na nnipa a wɔadi dɛm nko ara na wɔwom. Bere a misuaa adwuma wiei no, me ne adwumakuw bi yɛɛ adwuma wɔ yɛn kurom. M’ani fii no, na metaa de nsa a wɔayɛ ama me no hyɛ, efisɛ na mepɛ sɛ obiara hu me sɛ meyɛ onipa mũ.

MIGYEE BIBLE MU NOKWARE TOOM

Da bi a na meretwɛn keteke aforo akɔ adwuma no, ɔbarima bi baa me nkyɛn. Obisaa me sɛ, minnye nni sɛ Onyankopɔn betumi ama manya me nsa mmienu no bio anaa. Asɛm no pem me. Ɛwom, minyae a anka masan anya me nsa no bio, nanso misusuwii sɛ ɛrentumi nyɛ yiye da! Ná minnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Efi saa da no, mebɔɔ mmɔden paa sɛ merenhyia ɔbarima no bio.

Akyiri yi, ɔbaa bi a me ne no yɛ adwuma maa yɛkɔsraa n’abusuafo. Yɛrenom kɔfe no, n’awofo fii ase kaa Yehowa Nyankopɔn ho asɛm. Wei ne bere a edi kan koraa a metee sɛ Onyankopɔn wɔ din. (Dwom 83:18) Nanso me mu paa deɛ, mekaa sɛ: ‘Onyankopɔn biara nni hɔ, sɛ ɔwɔ din mpo a, onni hɔ. Meyɛɛ m’adwene sɛ mɛma nkurɔfo yi ahu sɛ wonnim nea wɔrekeka.’ Ná migye me ho di paa sɛ nea misusuw wɔ me tirim no yɛ nokware enti mepenee so sɛ wɔne me mmɔ Bible mu nkɔmmɔ. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, mannya biribiara annyina so ankyerɛ wɔn sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ.

Bere a yefii ase sɛ yɛresusuw Bible nkɔmhyɛ ho no, mihui sɛ minnim hwee. Bible nkɔmhyɛ no bi wɔ hɔ a, ɛwom sɛ wɔka too hɔ mfe mpempem pii deɛ, nanso ɛbaa mu. Da bi deɛ, yɛde sɛnea asetena te seesei no totoo nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mateo ti 24, Luka ti 21, ne 2 Timoteo ti 3 ho. Sɛnea sɛnkyerɛnne ahorow ma oduruyɛfo tumi hu yare ko a ɛrehaw ɔyarefo bi no, saa ara na nneɛma a ɛresisi a nkɔmhyɛ no kaa ho asɛm no ma mihu sɛ yɛte bere a Bible ka ho asɛm sɛ “nna a edi akyiri” * no mu. Me ho dwiriw me paa efisɛ me ara mede m’ani huu sɛnea na nkɔmhyɛ no reba mu no.

Ná migye di paa sɛ nea meresua no ne nokware no. Ɛwom, na manom sigaret bɛboro mfe du nanso mebɔɔ Yehowa Nyankopɔn mpae na mitumi gyaee. Mekɔɔ so ara suaa Bible no bɛyɛ afe baako. April 27, 1986 mu no, mebɔɔ asu kokoam wɔ guaresɛn mu. Saa bere no, na wɔabara Adansefo no wɔ East Germany.

MEREBOA NKURƆFO

Esiane sɛ na wɔabara Yehowa Adansefo nti, na yehyiam akuw nketewa mu wɔ nkurɔfo fie, na na me nuanom Kristofo kakraa bi pɛ na minim wɔn. Ná m’ani nna so sɛ menya kwan akɔ West Germany nanso Aban mpanyimfo no maa me kwan. Ɛhɔ deɛ, na wɔmmaraa Adansefo no. Wei ne bere a edi kan koraa a mitumi kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam kɛse a ɛte saa. Mihuu me nuanom mmaa ne mmarima mpempem pii. Ɛmaa m’ani gyei paa.

Wodwiriw Berlin fasu no gui no, Yehowa Adansefo nyaa ahofadi. Afei deɛ, na yebetumi asom Yehowa Nyankopɔn wɔ asomdwoe mu. Ná mepɛ sɛ mede bere pii ka Onyankopɔn ho asɛm kyerɛ nkurɔfo, nanso na misuro sɛ mɛkasa akyerɛ nnipa a minnim wɔn. Esiane sɛ na madi dɛm na me ne mmofra a wɔadi dɛm kɔɔ sukuu me mmofraase nti, na mibu me ho abomfiaa. Nanso afe 1992 mu no, mebɔɔ mmɔden sɛ mede nnɔnhwerew 60 bɛka Onyankopɔn ho asɛm akyerɛ nkurɔfo wɔ bosome baako mu. Meyeree me ho paa na ɛmaa m’ani gyei. Enti meyɛɛ m’adwene sɛ mɛyɛ saa bosome biara. Anigyesɛm ne sɛ mitumi yɛɛ saa mfe mmiɛnsa.

Bere nyinaa mekae Bible mu asɛm yi: “Hena na ɔyɛ mmerɛw a menyɛ mmerɛw bi?” (2 Korintofo 11:29) Ɛwom sɛ madi dɛm deɛ, nanso m’adwene da so ara yɛ adwuma na mitumi kasa. Enti meyɛ nea metumi biara sɛ mɛboa nkurɔfo. Minim sɛnea ɛyɛ yaw paa sɛ wopɛ sɛ woyɛ biribi nanso wuntumi nyɛ. Mebɔ mmɔden sɛ mɛhyɛ nnipa a wɔte nka saa no nkuran. Sɛ meboa nkurɔfo saa a, ɛma m’ani gye.

Meka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo a, ɛma m’ani gye

DA BIARA YEHOWA BOA ME

Nokware deɛ, woka a eye. Ɛtɔ da a na mabotow. Minyae a, anka meyɛ onipa mũ. Ɛwom, mitumi yɛ biribiara deɛ, nanso mesɛe bere pii na mebrɛ ansa na matumi ayɛ. Da biara, m’asɛm a meka ara ne sɛ: “Ade nyinaa mu mewɔ ahoɔden, nea ɔhyɛ me den no nti. (Filipifo 4:13) Da biara, Yehowa ma me ahoɔden a mihia na matumi ayɛ nneɛma a obiara tumi yɛ no bi. Mahu sɛ Yehowa mpoo me. Ɛno nti na mempɛ sɛ migyaw Yehowa da no.

Me mmofraase ne me mmeranteberem nyinaa na minni abusua nanso seesei Yehowa adaworoma, mewɔ abusua. Me yere Elke yɛ ɔboafo paa, ɔwɔ ahummɔbɔ na ɔdɔ nnipa. Afei nso me nuanom Yehowa Adansefo ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa no abɛyɛ m’abusuafo.

Me ne me dɔfo Elke

Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔde Paradise bɛba. Ɔbɛyɛ “nneɛma nyinaa foforo,” na mɛsan anya nsa bio; saa bɔhyɛ yi kyekye me werɛ paa. (Adiyisɛm 21:5) Sɛ midwinnwen nea Yesu yɛe bere a na ɔwɔ asase so no ho a, ɛma mete bɔhyɛ yi ase yiye. Prɛko pɛ, Yesu saa obi a ne nsa awu yare, na nea wotwaa n’aso nso ho tɔɔ no. (Mateo 12:13; Luka 22:50,51) Yehowa bɔhyɛ ne anwonwade pii a Yesu yɛe no ama manya ahotoso sɛ ɛrenkyɛ koraa mɛsan ayɛ onipa mũ bio.

Nhyira kɛse a manya paa ne sɛ masua Yehowa Nyankopɔn ho ade. Wabɛyɛ me papa ne m’adamfo, m’awerɛkyekyefo ne m’ahoɔden. Sɛnea Ɔhene Dawid tee nka no, saa ara na me nso mete nka. Dawid kyerɛwee sɛ: “Yehowa ne m’ahoɔden. . . . Waboa me, enti me koma di ahurusi.” (Dwom 28:7) Nokware a ɛsom bo yi, mepɛ sɛ mikura mu me nkwa nna nyinaa. Ɛwom sɛ minni nsa deɛ, nanso mikura mu.

^ nky. 17 Sɛ wopɛ nna a edi akyiri no ho sɛnkyerɛnne a, hwɛ asɛm a ɛne “Wohwɛ a, Wiase Awiei Abɛn?” a ɛwɔ Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? nhoma no ti 9. Yehowa Adansefo na wotintimii. Ɛwɔ intanet so wɔ www.pr418.com/tw.