Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ná Niniwe yɛ kurow a adan a ɛyɛ fɛ ne nkaedum akɛse wɔ hɔ

So Wunim

So Wunim

Yona wu akyi no, dɛn na ɛtoo Niniwe?

EDUU bɛyɛ afe 670 A.Y.B. no, Asiria na na abɛyɛ ahemman a ɛso paa wɔ wiase. Tete nneɛma akorae bi a ɛwɔ Britain wɛbsaet bi ka sɛ, na ahemman no “trɛw fi Kipro a ɛwɔ atɔe fam tɔnn kosi Iran a ɛwɔ apuei fam no, na eduu bere bi mpo, na Egypt ka ho.” Ná n’ahenkurow ne Niniwe; na ɛno ne kurow a ɛso paa wɔ wiase. Ná nkaedum akɛse wɔ hɔ; wohwɛ baabiara a, wuhu nturo a ɛyɛ fɛ, na na ahemfie a ɛwowɔ hɔ no nso yɛ krabɛhwɛ. Yɛrenka nnyaw nhomakorabea akɛse a na ɛwɔ hɔ no nso. Ná Asiria Ahemfo bɔ wɔn ho mmran sɛ wɔn na wodi wiase so. Nkyerɛwee bi a ɛwɔ tete Niniwe fasu ho kyerɛ sɛ Ɔhene Ashurbanipal nso bɔɔ ne ho mmran saa ara kaa sɛ, ɔno na “odi wiase nyinaa so.” Bere a odi ade no, na wohwɛ a wobɛka sɛ obiara rentumi nni Asiria ne Niniwe so nkonim da.

Asiria Ahemman no ne ahemman a na ɛso paa wɔ wiase saa bere no

Nanso bere a na Asiria Ahemman no tumidi gyina mu paa no, Yehowa diyifo Sefania hyɛɛ nkɔm sɛ: ‘Yehowa bɛsɛe Asiria. Ɔbɛma Niniwe asɛe pasaa, na ɛhɔ bɛwo wosee sɛ sare so.’ Yehowa diyifo Nahum nso hyɛɛ nkɔm sɛ: “Monsesaw dwetɛ; monsesaw sika kɔkɔɔ, . . . Obiara afi kurow no mu, asɛe, na adan amamfo! . . . Obiara a obehu wo no beguan afi wo ho na waka sɛ, ‘Niniwe abɔ!’” (Sef. 2:13; Nah. 2:9, 10; 3:7) Ebia nkurɔfo tee nkɔmhyɛ no, wobisae sɛ: ‘Saa asɛm yi betumi asi ampa? Asiria ahemman a ɛwɔ tumi sei, obi betumi adi so nkonim?’ Ɛbɛyɛ sɛ na wonnye nni sɛ biribi a ɛte saa betumi asi.

Niniwe danee amamfo!

Nanso, nea na ɛyɛ wɔn sɛ ɛrentumi nsi no sii! Eduu bɛyɛ afe 600 A.Y.B. no, na Babilonfo ne Mediafo de Asiria akyi aka fam. Ewiee ase no, Niniwe danee amamfo na ɛyeraa nsesa mu! Nhoma bi a Metropolitan Museum of Art a ɛwɔ New York yɛe no ka sɛ: “Eduu baabi no, Niniwe danee amamfo, na ɛkɔhyɛɛ asaase ase; ɛnyɛ Bible a anka n’akyi yerae koraa.” Kuw bi a wɔfrɛ wɔn Biblical Archaeology Society ka sɛ, efi afe 1800 reba no, “na obiara nnim sɛ bere bi na Asiria ahenkurow kɛse bi mpo wɔ hɔ.” Nanso afe 1845 no, obi a otutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu a ne din de Austen Henry Layard fii ase tutuu Niniwe amamfo so. Nea ohui wɔ hɔ no dii adanse sɛ na Niniwe kurow no yɛ krabɛhwɛ.

Sɛnea nkɔmhyɛ a ɛfa Niniwe ho no baa mu pɛpɛɛpɛ no, ɛhyɛ gyidi a yɛwɔ wɔ Bible nkɔmhyɛ mu den. Ɛma yehu sɛ nkɔmhyɛ a ɛkyerɛ sɛ nnipa amammu a ɛwɔ hɔ nnɛ no nyinaa bɛba awiei no nso bɛbam pɛpɛɛpɛ.—Dan. 2:44; Adi. 19:15, 19-21.