Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Na Bible Ka Fa Tattoo Ho?

Dɛn Na Bible Ka Fa Tattoo Ho?

Nea Bible ka

 Bible ka tattoo ho asɛm baako pɛ wɔ Leviticus 19:28. Ɛka sɛ: “Monnyeyɛ ahyɛnsode [tattoo] wɔ mo honam ani.” Onyankopɔn de ahyɛde yi maa Israelfo no, sɛnea ɛbɛyɛ a Israelfo no bɛda nsow wɔ aman a atwa wɔn ahyia no ho. Ná saa aman no kyerɛkyerɛw wɔn anyame din anaa wɔn anyame ahyɛnsode gu wɔn ho. (Deuteronomium 14:2) Ɛwom, Kristofo nni Mose Mmara a wɔde maa Israelfo no ase de, nanso ɛho hia paa sɛ yesusuw nea ɛmaa Onyankopɔn de saa mmara no maa wɔn no ho.

Ɛyɛ papa sɛ Kristoni yɛ tattoo anaa ɔdrɔdrɔ mfoni gu ne ho anaa?

 Bible mu nsɛm a edidi so yi bɛboa wo ama woasusuw asɛm no ho:

  •   ‘Ɛsɛ sɛ mmea de ahobrɛase siesie wɔn ho.’ (1 Timoteo 2:9, New American Bible) Saa asɛm yi fa mmea ne mmarima nyinaa ho. Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ biribi a ɛbɛhaw afoforo, na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma bi de twetwe afoforo adwene ba yɛn ho so sɛnea ɛnsɛ.

  •   Nea enti a ebinom yɛ tattoo gu wɔn ho ne sɛ, wɔpɛ sɛ afoforo hu nipa ko a wɔyɛ, anaa wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea wɔn ankasa pɛ. Afoforo nso yɛ tattoo gu wɔn ho de kyerɛ sɛ wɔwɔ hokwan sɛ wɔde wɔn nipadua yɛ nea wɔpɛ biara. Nanso Bible hyɛ Kristofo nkuran sɛ: “Momfa mo nipadua mmɔ afɔre a ɛte ase, a ɛyɛ kronkron, na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Na bere a mode ɔsom kronn rema no no, momfa mo adwene nyɛ adwuma nsusuw nneɛma ho.” (Romafo 12:1) Nea saa asɛm yi kyerɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ wususuw ho yiye hwɛ nea enti a wopɛ sɛ woyɛ tattoo no. Ebia nea enti a wopɛ sɛ woyɛ tattoo ne sɛ nnipa bebree ayɛ bi, anaa wopɛ sɛ wode kyerɛ sɛ wowɔ kuw bi mu. Sɛ saa a, kae sɛ bere bi bɛba a ebia sɛnea wote nka seesei no bɛsesa, nanso tattoo no de, na aka hɔ. Enti sɛ wudwinnwen nea enti a wopɛ sɛ woyɛ tattoo no ho a, ebetumi aboa wo ama woasi gyinae pa.—Mmebusɛm 4:7.

  •   “Nsiyɛfo nhyehyɛe bewie yiye, na obiara a ɔpere ne ho de, ohia na ebehia no.” (Mmebusɛm 21:5) Wɔn a wɔyɛ tattoo gu wɔn ho no, mpɛn pii no wonnwen ho nkɔ akyiri ansa na wɔayɛ, nanso ebetumi anya nsunsuanso bɔne bere tenten wɔ wɔne afoforo abusuabɔ ne wɔn adwumayɛ mu. Afei nso, tattoo ho ka nna fam, na wopɛ sɛ wopopa nso a, ɛyaw a wobɛfa mu no nyɛ asɛm ketewa. Nhwehwɛmu a wɔayɛ ne nnwumakuw a ɛpopa tattoo a ɛredɔɔso no di adanse sɛ nnipa bebree a wɔyɛ tattoo gu wɔn ho no nu wɔn ho, na sɛ wonyae a anka wɔanyɛ.