Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU NSƐM A WƆAKYERƐKYERƐ MU

Romafo 10:13—“Ɔbɛbɔ Awurade Din No”

Romafo 10:13—“Ɔbɛbɔ Awurade Din No”

 “Obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din afrɛ no no, obenya nkwa.”—Romafo 10:13, Wiase Foforo Nkyerɛase.

 “Obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no benya nkwa.”—Romafo 10:13, Akuapem Twi Bible a Ghana Bible Society Yɛe.

Nea Romafo 10:13 Kyerɛ

 Onyankopɔn nyɛ animhwɛ. Wama nnipa nyinaa akwannya sɛ wobetumi anya nkwa na wɔatena ase daa. Sɛ wufi ɔman bɛn so oo, woyɛ oburoni oo, woyɛ bibini oo, woyɛ sikani oo, woyɛ ohiani oo, saa akwannya no wɔ hɔ ma wo. Nanso, sɛ yebenya nkwa na yɛatena ase daa a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ Yehowa din. Yehowa yɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no din. aDwom 83:18.

 Bible mu no, wɔka sɛ obi ‘bɛbɔ Yehowa din afrɛ no’ a, nea ɛkyerɛ ne sɛ obehu Onyankopɔn din, na wabɔ din no bere a ɔresom no no. (Dwom 116:12-14) Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara. Nea ɛkyerɛ bio nso ne sɛ, ɛsɛ sɛ ɔde ne werɛ hyɛ Onyankopɔn mu, na ɔde ne ho to no so sɛ ɔmmoa no.—Dwom 20:7; 99:6.

 Ná Onyankopɔn din hia Yesu Kristo paa. Bere a Yesu rekyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae no, asɛm a edi kan a ɔkae ne sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew,” anaa ɛnyɛ kronkron. (Mateo 6:9) Yesu san kaa sɛ, sɛ yebenya daa nkwa a, ɛsɛ sɛ yehu Onii ko a wɔfrɛ no Yehowa no, na yɛyɛ osetie ma no, na yɛdɔ no.—Yohane 17:3, 6, 26.

 Dɛn na ɛma yehu sɛ Yehowa ne “Awurade” a wɔka ne ho asɛm wɔ Romafo 10:13 wɔ Akuapem Twi Bible a Ghana Bible Society Yɛe mu no? Nea ɛma yehu saa ne sɛ, asɛm a ɛwɔ Romafo 10:13 no, wɔfa fii Yoel 2:32. Tete Hebri no de Onyankopɔn din Yehowa na ɛyɛɛ adwuma wɔ Yoel 2:32, na ɛnyɛ abodin “Awurade.” b

Romafo 10:13 Ho Nsɛm

 Bible ma yehu wɔ Romafo ti 10 sɛ, sɛ Onyankopɔn begye obi atom a, egyina Yesu Kristo mu gyidi a onipa no benya so. (Romafo 10:9) Bible no fã a wɔfrɛ no Apam Dedaw no mu nsɛm pii foa saa asɛm no so. Nea obi yɛ de kyerɛ sɛ ɔwɔ gyidi ne sɛ, ‘ɔde n’ano bɛka’ nkwagye ho asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo a wɔnyɛ agyidifo. Ɛno ma ebinom nso nya gyidi a ɛbɛma wɔanya nkwa.—Romafo 10:10, 14, 15, 17.

Kenkan Romafo ti 10, na hwɛ ase hɔ nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ mu ne kyerɛwnsɛm foforo a ɛfa ho.

a Onyankopɔn din pue bɛyɛ mpɛn 7,000 wɔ tete Bible nsaano nkyerɛwee ahorow mu. Hebri mu no, wɔde nkyerɛwde annan na egyina hɔ ma Onyankopɔn din. Wɔfrɛ saa nkyerɛwde no Tetragrammaton. Twi kasa mu no, wɔtaa kyerɛ Onyankopɔn din no ase “Yehowa.” Animdefo binom kyerɛ ase “Yahwe.”

b Kristofo a wɔkyerɛw Bible no bi no, sɛ wɔrefa biribi afi “Apam Dedaw” no mu akyerɛw, na sɛ Onyankopɔn din wom a, ɛbɛyɛ sɛ na wɔkyerɛw Onyankopɔn din no sɛnea ɛte wɔ baabi a wɔfa fii no. Nhoma a wɔato din The Anchor Bible Dictionary ka sɛ: “Adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Apam Dedaw no mu nsɛm a wɔfa kyerɛwee wɔ Apam Foforo no mu no, bere a wodii kan kyerɛwee no, na Tetragrammaton a ɛyɛ Onyankopɔn Din Yahwe no wɔ ebi mu anaa ne nyinaa mu.” (Volume 6, kratafa 392) Sɛ wopɛ sɛ wuhu wei ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a wɔato din “Onyankopɔn Din Pue Wɔ Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm No Mu” no. Ɛwɔ Wiase Foforo Nkyerɛase Bible no nkekaho A5 no mu. Sɛ wohwɛ Appendix C2 wɔ Borɔfo Bible a wɔato din New World Translation of the Holy Scriptures (Nea Adesua Nsɛm Wom) no mu a, wubehu Bible ahorow a wɔakyerɛw Onyankopɔn din Yehowa wɔ Romafo 10:13.