Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Left: Yasser Qudaih/Anadolu via Getty Images; right: RONALDO SCHEMIDT/AFP via Getty Images

MONKƆ SO NWƐN!

Da Bɛn Na Akokoakoko Begyae?—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

Da Bɛn Na Akokoakoko Begyae?—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

 Memeneda, April 13, 2024 no, Iran man no tow topae manee Israel. Asɛm no sii akyi no, Amanaman Nkabom No Kyerɛwfo Panyin a wɔfrɛ no António Guterres kaa sɛ, “Afei de ayɛ yiye. Wati-me-waka me no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye paa na annye nsam. Obiara se ɔredi ne bo so asɛm a, anhwɛ a nea ebesi nye. Enti ehia paa sɛ obiara hyɛ ne ho so.”

 Ɔko agye wiase abɔ so. Nea ɛrekɔ so wɔ Middle East no yɛ emu baako pɛ.

 “Yɛrekasa yi, nnipa ɔpepepem mmienu na ntɔkwaw-ntɔkwaw ne akokoakoko ama wɔadi amia. Kyerɛ sɛ, nnipa a ɛwɔ wiase nyinaa, wokyɛ wɔn mu nnan a, emu baako na akokoakoko ama wɔrehu amane. Wiase Ko a Ɛtɔ So Mmienu no akyi no, akokoakoko mmaa nnipa bebree saa ho nkaa aguaa mu sei da.”—Abaguafo a Wɔhwɛ Amanaman Nkabom Bammɔ Ho Nsɛm So, January 26, 2023.

 Aman a akokoakoko gyina mu wɔ hɔ no bi na edidi so yi; Israel, Gaza, Syria, Azerbaijan, Ukraine, Sudan, Ethiopia, Niger, Myanmar, ne Haiti. a

 Bere bɛn na akokoakoko begyae? Wiase atumfoɔ betumi ama asomdwoe aba? Dɛn na Bible ka fa ho?

Ɔko agye wiase abɔ so

 Akokoakoko a adɔɔso wɔ wiase no ma yehu sɛ ɛrenkyɛ, akodi nyinaa bɛba awiei. Bible ka too ho sɛ, yɛn bere yi so no, akodi bebu so, na ɛno na yɛn ani tua yi. Bere a yɛwɔ mu yi, Bible frɛ no “wiase yi awiei bere.”—Mateo 24:3.

  •   “Mobɛte ɔko, ne ɔko ho nsɛm. . . . Ɔman bɛsɔre atia ɔman, na ahenni asɔre atia ahenni.”—Mateo 24:6, 7.

 Kenkan asɛm a yɛato din “Nneɛma Bɛn Na Esisi a Ɛbɛkyerɛ Sɛ Yɛwɔ ‘Awiei Mmere’ Anaa ‘Nna a Edi Akyiri’ No Mu?” na ɛbɛma woahu sɛnea akokoakoko a ɛrekɔ so nnɛ no ma Bible nkɔmhyɛ ba mu.

Ɔko a ɛde akodi nyinaa bɛba awiei

 Bible ka sɛ bere bi bɛba a akodi begyae. Ɛbɛyɛ dɛn na wei ayɛ yiye? Ɛnyɛ nnipa na ɛbɛma akodi agyae, na mmom “ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn da kɛse no mu ko no” na ɛde akodi bɛba awiei. Yɛfrɛ saa ɔko no Armagedon. (Adiyisɛm 16:14, 16) Sɛ saa ɔko yi ba awiei a, afei ɛbɔ a Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔbɛma nnipa anya asomdwoe afebɔɔ no, ɛbɛbam.—Dwom 37:10, 11, 29.

 Onyankopɔn ko a ɛde akodi nyinaa bɛba awiei no, wopɛ sɛ wusua ɛho ade pii a, kenkan asɛm a yɛato din “Dɛn Ne Armagedon Ko No?

a ACLED Conflict Index, “Ranking violent conflict levels across the world,” January 2024