Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔtuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Albania Ne Kosovo

Wɔtuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Albania Ne Kosovo

 Onuawa bi a yɛfrɛ no Gwen fi England, na ɔresom wɔ baabi a wɔhia adawurubɔfo pii wɔ Albania. Ɔkaa sɛ: “Manna annwen da sɛ metumi ayɛ pii wɔ Yehowa som mu sei.” a

 Gwen yɛ Yehowa Danseni a wɔatu akɔtena Albania. Ɔreboa ama wɔaboaboa “aman nyinaa mu nneɛma a ɛsom bo” no ano wɔ hɔ. (Hagai 2:7) Ɛdɛn na epusuw saa asɛmpakafo yi ma wɔtu wɔn ho si hɔ yɛ saa? Nneɛma bɛn na wɔde bɔ afɔre na ama wɔatumi atu akɔtena mmeae a wɔhia mmoa? Ɛmfa ho ɔhaw ahorow a wɔhyia no, dɛn na ɛboa wɔn ma wɔtumi yɛ wɔn adwuma no a wɔn anigye nsɛe?

Ɛsono Wɔn Mu Biara Ne N’asetenam Nsɛm, Nanso Botae Koro Na Esi Wɔn Ani So

 Adawurubɔfo a wɔba Albania bɛboa no nyinaa, ade baako a epusuw wɔn ne sɛ, wɔdɔ Yehowa na wɔpɛ sɛ wɔboa nkurɔfo ma wɔhu no.

 Ansa na wɔbetu akɔ no, wɔyɛ nsakrae sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi ayɛ pii wɔ asɛmpaka adwuma no mu, na wei siesie wɔn ma nsɛnnennen a wɔhyia wɔ amannɔne no. Gwen kaa sɛ: Bere a na mewɔ me kurom no, midii kan de me ho kɔbɔɔ kuw bi a wɔka Albania kasa. Ɛno akyi no, mekɔɔ ɔmantam nhyiam bi wɔ Albania. Mamfa anso hɔ ara; mesan kɔtenaa hɔ kakra suaa wɔn kasa no bi kaa nea minim dedaw no ho.”

Gwen

 Manuela wɔ Italy. Bere a odii mfe 23 no, otu kɔɔ ɔmantam foforo wɔ kurow no ara mu kɔboaa asafo ketewaa bi. Ɔkaa sɛ: “Meboaa asafo no mfe nnan. Ɛno akyi no, minyaa no ntee sɛ wɔhia mmoa wɔ Albania. Enti metotoo me nneɛma yiye kɔyɛɛ akwampae adwuma no wɔ hɔ abosome kakraa bi.”

Manuela (Ɔno na ɔhyɛ mfinimfini)

 Bere a Federica dii mfe nson no, ɔkɔɔ ɔmantam nhyiam bi. Saa nhyiam no ase no, wɔde asɛnka adwuma a wɔreyɛ wɔ Albania ho amanneɛbɔ too gua. Federica kaa sɛ: “Onua a ɔde amanneɛbɔ no too gua no kaa sɛ adawurubɔfo a wɔwɔ Albania no afi ase ne nkurɔfo bebree resua Bible, na anigyefo bebree nso afi ase rekɔ adesua. Efi saa bere no, da biara na meka kyerɛ m’awofo sɛ, mepɛ sɛ mekɔ Albania kɔboa. Sɛnea na mede guan wɔn ho no yɛɛ wɔn nwonwa, nanso nea me papa kae ara ne sɛ, ‘Wo de, bɔ ho mpae. Sɛ ɛne Yehowa apɛde hyia nko ara de a, obetie.’ Abosome kakra akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn abusua no sɛ yɛnkɔsom wɔ Albania!” Wɔasom wɔ hɔ mfe pii ni. Seesei Federica aware; yɛfrɛ no kunu no Orges, na wɔn mmienu no de wɔn bere nyinaa reyɛ asɛnka adwuma no wɔ Albania.

Orges ne Federica

 Bere a Gianpiero kɔɔ pɛnhyɛn no, ɔne ne yere Gloria tu kɔɔ Albania. Ɔkaa sɛ: “Yɛtetee yɛn mma mmarima no wɔ Italy. Bere a wɔn ani fii no, wɔn mu mmiɛnsa tu kɔɔ baabi foforo a wɔhia mmoa. Bere bi, Ɔwɛn-Aban bi bae. Ná asɛm bi wom a yɛato din ‘So Wubetumi Atwa Akɔ Makedonia?’ Saa asɛm no kaa yɛn koma paa, enti yɛtenaa ase susuw ho hwɛe sɛ yebetumi de me pɛnhyɛn sika no akɔboa wɔ Albania anaa.”

Gianpiero ne Gloria

Wɔtenaa Ase Sese Hwɛe Na Wɔtotoo Nneɛma Yiye

 Wɔn a wɔtu kɔ baabi a wɔhia mmoa no, ɛnyɛ sɛ wɔfitii ara na wɔama wɔn bag so kɔ. Mmom wɔto wɔn bo ase sese hwɛ, na wɔtoto nneɛma yiye paa ansa na wɔatu. (Luka 14:28) Nneɛma bebree wɔ hɔ a wɔhwɛ. Emu baako a edi akoten paa ne adwuma a wɔkɔ hɔ a, wɔbɛyɛ de ahwɛ wɔn ho. Bere a Gwen a yɛadi kan aka ne ho asɛm dedaw da so ara wɔ England no, otu kɔtenaa ne nuabaa nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a ɔremmɔ ka pii, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi asie sika kakra. Sophia ne Christopher nso fi England. Wɔkaa sɛ: “Yɛtɔn yɛn kar, yɛn nkongua ne yɛn dan mu nneɛma kakra. Nea na esi yɛn ani so ne sɛ yebetumi atwa bɛyɛ afe wɔ Albania.” Anigyesɛm ne sɛ, wɔtwa boro saa.

Christopher ne Sophia

 Adawurubɔfo no bi nso wɔ hɔ a, wɔtwa abosome kakra wɔ Albania. Ɛno akyi no, na wɔasan aba wɔn kurom abɛyɛ adwuma apɛ sika agu wɔn bɔtɔ mu, na wɔasan kɔ. Biribi saa na Eliseo ne Miriam yɛe. Eliseo kyerɛ mu sɛ: “Baabi a Miriam fi wɔ Italy no, nkurɔfo taa fi aman horow so kɔhwehwɛ hɔ, enti ɛyɛ a ɛnyɛ den koraa sɛ obi benya adwuma ayɛ. Nea na yɛyɛ ne sɛ, sɛ edu June kosi September a, yɛkɔ hɔ kɔyɛ adwuma abosome mmiɛnsa. Sɛ yenya sika kakra a, na yɛasan Albania abosome nkron. Yɛyɛɛ saa ara mfe nnum.”

Miriam ne Eliseo

Sɛnea Wodii Ɔhaw a Wɔhyiae No So

 Wɔn a wɔtu kɔboa wɔ baabi a mmoa ho hia no, wɔtu kɔ hɔ a, ɛnna fam mma wɔn, efisɛ ɛyɛ a na biribiara ayɛ foforo ama wɔn. Ɛba saa a, afotu a Adansefo a wɔtete hɔ no de ma wɔn no boa wɔn ma wɔdi ɔhaw a wɔhyia no so. Ebi nso wɔ hɔ a, wɔhwɛ nea Adansefo a wɔyɛ kuromafo no reyɛ no, na wɔayɛ bi. Sophia a yɛadi kan aka ne ho asɛm dedaw no kaa sɛ: “Sɛ edu awɔwbere wɔ Albania a, ɛhɔ tumi nwunu paa. Baabi a na mewɔ ansa na mereba Albania no, na ɛnte saa. Enti mehwɛɛ sɛnea anuanom mmea a wɔwɔ hɔ no siesie wɔn ho de ko awɔw no, na mifii ase siesiee me ho saa.” Grzegorz ne ne yere Sona nso fi Poland. Wɔtu kɔɔ kurow bi wɔfrɛ no Prizren wɔ Kosovo. b Ná kurow no mu yɛ fɛ paa. Grzegorz ka sɛ: “Anuanom a wɔwɔ kurow no mu brɛ wɔn ho ase paa, wɔn yam ye, na wɔwɔ abotare! Wɔkyerɛ yɛn wɔn kasa no, na wɔyɛ nneɛma pii ma yɛn. Ebi ne sɛ, wɔhyɛɛ da kyerɛɛ yɛn sotɔɔ ahorow a yebenya nneɛma a ne bo yɛ fow, ne sɛnea yebedi gua a yɛremmɔ ka.”

Nea Ɛma Wɔn Ani Gye No Dɔɔso

 Wɔn a wɔtu aman foforo so kɔboa no, ɛyɛ a wɔnya nhyira bebree. Ebi ne sɛ, wɔtumi ne Adansefo a wɔwɔ hɔ no fa nnamfo na wɔhu wɔn yiye. Sona kyerɛ mu sɛ: “Me ankasa mede m’ani ahu sɛnea ɔdɔ a Yehowa wɔ ma nnipa no apusuw nkurɔfo ama wɔasesa wɔn abrabɔ. Anuanom a ɛwɔ ha no, sɛ mehwɛ sɛnea Yehowa ho ade a wɔsuae no boaa wɔn ma wɔsesaa wɔn gyidi ne wɔn abrabɔ bɛsom Yehowa no a, ɛka me koma paa. Nneɛma pii wɔ hɔ a yɛyɛ de boa asafo no, na anuanom ma yɛte nka sɛ yɛn so wɔ mfaso. Anuanom a yɛne wɔn resom no, wɔn nyinaa abɛyɛ yɛn nnamfo.” (Marko 10:29, 30) Gloria ka sɛ: “Minim anuanom mmea bebree wɔ ha a, na wɔn mpɔtamfo mpɛ Adansefo asɛm; wɔdii wɔn ani yayaayaw. Nanso wɔmiaa wɔn ani gyinaa mu. Sɛ mehwɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa no a, ɛka me koma paa.”

Grzegorz ne Sona

 Wɔn a wɔtu kɔ mmeae a wɔhia mmoa no, wɔnya kwan sua nneɛma pii a sɛ anka wɔantu wɔn to a, anka wɔrenhu da. Ebi ne sɛ, wɔn mu bebree ahu sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛyɛ; ɛkaa wɔn nko ara anka wɔrenyɛ da. Nanso Yehowa nti, wɔyere wɔn ho yɛ. Wei ma wɔn ani gye paa. Stefano ka sɛ: “Ɔman a mifi mu no, nkurɔfo de camera abobɔ wɔn pon ano, sɛnea ɛbɛyɛ a ahɔho ba wɔn fie a, wɔbetumi ahu wɔn na wɔne wɔn akasa. Enti mpɛn pii no mekɔ asɛnka a, mintumi ne nkurɔfo mmɔ nkɔmmɔ nkyɛ. Nanso Albaniafo de, wɔpɛ nkɔmmɔ, ɛnkanka sɛ wɔanya kɔfe bi te ho; wɔbɛbɔ nkɔmmɔ saa ara. Me nso meyɛ obi a mefɛre ade, enti ahyɛase no de, wɔde nkɔmmɔ hyɛ me saa no a, ɛyɛ a na minhu nea menka. Nanso, nkakrankakra misuaa sɛnea me ne nkurɔfo bɛbɔ nkɔmmɔ, na seesei mitumi ne nkurɔfo bɔ nkɔmmɔ ma me ho bae me. Asɛnka adwuma a mereyɛ no resow aba, na m’ani gye paa.”

Alida ne Stefano

 Ná Leah ne ne kunu William wɔ United States ansa na wɔretu akɔ Albania. Leah ka sɛ: “Ɛha a yɛbae yi, abue yɛn adwene mu na akyerɛ yɛn akwan foforo a yebetumi afa so abɔ bra. Yɛasua sɛnea yɛbɛsom nkurɔfo ahɔho, sɛnea yebedi afoforo ni, ne sɛnea yɛbɛfa nnamfo na yɛayɛ nnamfo pa nso. Yɛasan ahu akwan foforo a yebetumi afa so aka asɛmpa no, sɛnea yɛkan Bible no a, yɛbɛte ase na yɛakyerɛkyerɛ mu yiye, ne sɛnea yɛkasa.” William nso ka sɛ: “Wɔn a wɔtaa ba Albania ha bɛhwɛ ha no, ɛyɛ a wɔn ani gye mpoano fɛfɛɛfɛ a ɛwɔ ha no ho paa. Me de, ɛyɛ a Albania mmepɔw-mmepɔw no na m’ani gye ho sɛ mɛkɔ akɔnantenantew so. Nanso nea ɛma m’ani gye paa ne nnipa a ɛwɔ ha no! Nkuraa a ɛwɔ yɛn asaasesin no mu bebree wɔ hɔ a, kan no, sɛ wɔbehu Adansefo anim a, gye sɛ asɛnka adwuma titiriw bi rekɔ so. Na ɛno mpo no, wɔkɔ wɔn nkyɛn a, ɛyɛ a wɔnkyɛ wɔ hɔ. Nanso efi bere a yɛbae yi, sɛ yɛkɔ saa nkuraa no ase a, ebi wɔ hɔ a, yetumi twa da mu no nyinaa wɔ hɔ; yɛreka yi mmusua mmienu anaa mmiɛnsa bi pɛ na yɛne wɔn bɔ nkɔmmɔ.”

William ne Leah

 Wɔn a wɔtu kɔ mmeae a ɛho hia no, ade baako a ɛma wɔn ani gye paa ne sɛ, wɔbehu sɛ nkurɔfo retie asɛmpa no na wɔde reyɛ adwuma. (1 Tesalonikafo 2:19, 20) Bere a Laura tu kɔɔ Albania no, na ɔyɛ ababaa a ɔnwaree. Ɔmaa wei ho nhwɛso: “Mekɔyɛɛ asɛnka adwuma no kakra wɔ Fier. Mfe mmienu ne abosome nsia ntam no, yenyaa nnipa afoforo 120 a na wɔn nso betumi aka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo! Me ne wɔn mu 16 na esuaa ade!” Onuawa foforo nso a yɛfrɛ no Sandra kaa sɛ: “Bere bi, midii maame bi a ɔtɔn ade wɔ gua so adanse. Edidi mu ara na ɔbɔɔ asu bɛyɛɛ ɔdansefo. Akyiri yi, ɔkɔɔ n’akuraa. Bere a etwa to a metee ne nka no, ɔka kyerɛɛ me sɛ, seesei ɔne nkurɔfo 15 afi ase resua Bible!”

Laura

Sandra

Adwumaden a Wɔmiaa Wɔn Ani Yɛe No, Yehowa Hyiraa So

 Wɔn a mfe bi a atwam no wɔtu kɔɔ Albania kɔboae no, ebi da so wɔ hɔ, na wɔn ani gye asɛnka adwuma a wɔreyɛ no ho paa. Ɛtɔ da a wɔtumi dua nokware aba no wɔ obi koma mu, na bere a wɔn ani nna no, wɔbehu ara ne sɛ asow aba. Ɛyɛ a ɛyɛ wɔn nwonwa paa. (Ɔsɛnkafo 11:6) Christopher a yɛadi kan aka ne ho asɛm no kaa ne suahu bi. Ose: “Bere bi mihyiaa ɔbarima bi. Mekae sɛ bere a mebaa Albania foforo no, na me ne no sua Bible. Mihyiaa no no, Bible mu nsɛm a bere bi a atwam me ne no bɔɔ ho nkɔmmɔ nyinaa, ɔkaee ne nyinaa ka kyerɛɛ me. Wei kaa me koma paa. Seesei ɔne ne yere nyinaa abɔ asu, na wɔyɛ Yehowa asomfo.” Federica nso, yɛaka ne ho asɛm dedaw. Ɔkaa sɛ: “Asafo baako mu sei, migyina hɔ ara na onuawa bi baa me nkyɛn bebisaa me sɛ, mekae no anaa. Ose mfe nkron bi a atwam no, midii no adanse. Na nea ɛkɔbae ne sɛ, mitu fii saa kurow no mu kɔɔ kurow foforo so no, ɔne obi fii ase suaa Bible no ɛbɔɔ asu. Me de, kan no na ɛyɛ me sɛ, yɛbaa Albania foforo no, adwuma a yɛbɛyɛe no nyinaa yɛ ɔbrɛgu. Nanso sɛɛ na meredaadaa me ho!”

 Anuanom a wɔtu kɔɔ Albania anaa Kosovo no, sɛ wɔhwɛ sɛnea Yehowa ahyira adwumaden a wɔayɛ no so a, ɛma wɔn ani gye paa na wɔn koma tɔ wɔn yam. Eliseo sei, ɔkɔɔ Albania no, ɔtenaa hɔ mfe bebree. Ɔkaa sɛ: “Yɛn nnipa de, ɛtɔ da yɛka sɛ, sɛ obi nya adwuma pa bi yɛ na ɔwɔ sika a, ɛno na ɛkyerɛ sɛ asi no yiye. Nanso saa asɛm no nyɛ nokware. Sɛ obi de Yehowa akwankyerɛ bɔ ne bra, na ɔyɛ nneɛma a ɛne Yehowa apɛde hyia a, ɛno na yebetumi aka sɛ asi no yiye. Albania ha a mebae no nti, me werɛ remfi saa nokwasɛm no da. Mete nka sɛ me so wɔ mfaso na mereyɛ biribi ama Yehowa. Manya nnamfo bebree wɔ ha, na yɛn nyinaa, ade baako no ara na esi yɛn ani so.” Sandra ka too so sɛ: “Ade a na ɛda me koma so paa ne sɛ, mɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo. Bere a mitu kɔɔ baabi a mmoa ho hia no, mihuu sɛ Yehowa ama manya me koma so ade. Minnuu me da sɛ mitu baa Albania ha, kyerɛ sɛ, sɛnea m’ani agye no, minhu nsɛm a memfa nkyerɛ mu.”

a Sɛ wopɛ sɛ wuhu asɛnka adwuma a yɛayɛ wɔ Albania no ho abakɔsɛm ho nsɛm pii a, kenkan 2010 Yearbook of Jehovah’s Witnesses.

b Kosovo wɔ Albania atifi fam rekɔ apuei fam. Wɔn a wɔwɔ hɔ no mu bebree ka Albaniafo kasa. Yehowa Adansefo a wɔwɔ Albania ne aman pii a ɛwɔ Europe, ne United States no mu bi atu wɔn ho ama akɔka asɛmpa no akyerɛ wɔn a wɔka Albaniafo kasa wɔ Kosovo. Afe 2020 mu no, na adawurubɔfo 256 na ɛwɔ Kosovo. Wɔwɔ nsafo 8, ne akuw 5.