Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

N’aduru ne Onyankopɔn Som!

N’aduru ne Onyankopɔn Som!

Akwampaefo baanu bi a wɔwɔ Kenya kɔbɔɔ ɔpon bi mu, na bere a wowuraa fie hɔ no, wohuu biribi ma ɛyɛɛ wɔn nwonwa. Ná ɔbarima bi da mpa so a wapua ayɛ ketekete, na ne nsa a egu ne ho yɛ ntiatiaa. Akwampaefo no ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ Onyankopɔn aka sɛ bere bi bɛba a “apakye behuruw sɛ ɔforote.” (Yes. 35:6) Asɛm no kaa ɔbarima no koma ma ɔserewee.

Ɔbarima a yɛreka ne ho asɛm yi de Onesmus, na yɛrekasa yi aka kakra ma wadi mfe 40. Akwampaefo no hui sɛ dompe mu yare bi na ama wabubu. Ne dompe mu yɛ mmerɛw paa, na sɛ bibiri ketewaa bi ka a, ebebubu. Yare yi nni aduru, enti Onesmus hui sɛ mmubuafo akongua mu na ɔbɛtena ne yare no adi apere ne nkwa nna nyinaa.

Onesmus penee so sɛ anuanom ne no nsua Bible. Nanso ne maame kae sɛ ɔrempene mma Onesmus nkɔ adesua. Na maame no suro sɛ, sɛ ɔkɔ a anhwɛ a obepira. Enti sɛ anuanom kɔ adesua a, wɔkyere dwumadi no brɛ Onesmus ma ɔbɔ tie wɔ fie. Bere a anuanom ne Onesmus suaa ade bosome anum no, osii gyinae sɛ ɔbɛkɔ adesua, nea ebesi biara nsi.

Bere a Onesmus fii ase kɔɔ adesua no, ne yare no mu yɛɛ den anaa? Dabi; ne ho dwoo no mmom. Onesmus kae sɛ: “Ɛyaw a ɛka ne ho a mintumi nyɛ me ho hwee no, mekɔ adesua a, mihu sɛ ano abrɛ ase.” Ɔkae sɛ anidaso a wanya na ama ne ho abae no saa. Onesmus maame hui sɛ anigye aba ne ba no mu. Eyi nti ɔno nso kae sɛ anuanom ne no nsua Bible. Maame no kae sɛ: “Me ba no aduru ne Onyankopɔn som.”

Ankyɛ na Onesmus bɛyɛɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu. Akyiri yi ɔbɔɔ asu, na seesei ɔyɛ asafo mu somfo. Onesmus nan abien nyinaa ne ne nsa biako nyɛ adwuma, nanso ɔyɛ nea n’ahoɔden betumi biara wɔ Yehowa som mu. Eduu baabi no, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ akwampaefo boafo, nanso na ontumi nsi n’adwene pi. Adɛn ntia? Efisɛ ɔyɛ a, ne kɔ ne ne ba nyinaa gye sɛ obi pia no. Bere a ɔne anuanom susuw ho no, wɔka kyerɛɛ no sɛ wɔbɛboa no. Ampa-ne-ampa ara wɔboaa no ma otumi yɛɛ akwampaefo boafo adwuma no.

Eduu baabi no afei na Onesmus pɛ sɛ ɔyɛ daa kwampaefo, nanso na ɛyɛ no sɛ ɔbɛyɛ adesoa ama anuanom. Nanso da koro bi a ɔreyɛ daa asɛm no, onyaa nkuranhyɛ a ohia. Ná asɛm no wɔ Dwom 34:8. Ɛhɔ ka sɛ: “Monka nhwɛ na munhu sɛ Yehowa ye.” Bere a Onesmus susuw asɛm no ho no, afei deɛ osii pi sɛ ɔbɛyɛ daa kwampaefo. Nnawɔtwe biara ɔde nnanan yɛ asɛnka adwuma no; ɔwɔ nnipa pii a ɔne wɔn sua Bible. Saafo no renya nkɔso ntɛmntɛm. Onesmus kɔɔ Akwampaefo Ɔsom Sukuu no bi afe 2010. Ade biako a ɛmaa Onesmus ani gyei koraa ne sɛ anuanom baanu a wodii kan baa ne nkyɛn no, na wɔn mu biako ka akyerɛkyerɛfo no ho!

Yɛrekasa yi Onesmus awofo aka baabi, nanso anuanom ntoto no agyaagyaamu; nea ohia biara wɔyɛ ma no. Nea Yehowa ne anuanom ayɛ ama no aka ne koma paa. Seesei nea ɔretwɛn ara ne sɛ da bi bɛba a obiara renka sɛ: “Meyare.”Yes. 33:24.