Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma Nkurɔfo Nhu Sɛ Wodɔ Wɔn

Ma Nkurɔfo Nhu Sɛ Wodɔ Wɔn

Nea Akɔfa Ɔhaw No Aba

Sɛ obi wɔ ɔtanhunu a, ɛnyɛ sɛ ɔda sɔree ara na afi ne mu. Sɛ obi nya nsanyare a, egye bere ne mmɔdenbɔ ansa na watumi atu ase. Saa ara na ɔtanhunu nso te. Dɛn na wobɛyɛ na woatumi ayi ɔtanhunu afi wo mu?

Bible Mu Afotusɛm

“Monhyɛ ɔdɔ efisɛ ɛyɛ koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ.”​—KOLOSEFO 3:14.

Dɛn na saa asɛm yi kyerɛ? Sɛ yɛyɛ afoforo papa a, ɛma wɔbɛn yɛn. Sɛ wotaa yɛ nneɛma a ɛkyerɛ sɛ wodɔ afoforo a, ɛbɛyɛ den sɛ wubenya wɔn ho adwemmɔne. Sɛ wunya nkurɔfo ho dɔ kɛse a, ɛbɛyɛ den sɛ wobɛtan wɔn anaasɛ wubebu wɔn animtiaa.

Nea Wubetumi Ayɛ

Nnipakuw bi a w’ani nhyɛ da nnye wɔn ho no, hwɛ nneɛma pɔtee bi a wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ wodɔ wɔn. Ɛho nhia sɛ woyɛ biribi kyenkyenee biara. Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ nea edidi so yi bi:

Sɛ woyɛ nneɛma nketenkete de kyerɛ sɛ wodɔ afoforo a, ɛbɛma woanya wɔn ho adwempa

  • Yɛ nneɛma bi fa kyerɛ sɛ wubu wɔn. Ebi ne sɛ wubebue pon ama wɔn anaa sɛ mowɔ bɔs mu a wobɛsɔre ama wɔn mu bi atena ase.

  • Sɛ wuhyia wɔn mu bi na sɛ ɔnte kasa a woka no yiye mpo a, pɛ ɔkwan bi fa so ne no mmɔ nkɔmmɔ kakra.

  • Sɛ wɔyɛ biribi na sɛ wonte ase mpo a, nya wɔn ho abotare.

  • Sɛ wɔreka nea ɛhaw wɔn akyerɛ wo a, yɛ aso tie wɔn.