Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔn a Wotutu Fam Hwehwɛ Tete Nneɛma No Ahu Biribi a Ɛkyerɛ Sɛ Ɔhene Dawid Tenaa Ase Ankasa

Wɔn a Wotutu Fam Hwehwɛ Tete Nneɛma No Ahu Biribi a Ɛkyerɛ Sɛ Ɔhene Dawid Tenaa Ase Ankasa

 Bible ma yehu sɛ Ɔhene Dawid a na odi Israel so no, ɔtenaa ase bɛyɛ mfe 1,100 ansa na wɔrewo Yesu. N’asefo nso dii ade mfehaha pii. Nanso nnipa bi ka sɛ Dawid nyɛ obi a ɔtenaa ase ankasa. Wɔka sɛ Dawid de, nnansa yi ara na nkurɔfo reto ne ho anansesɛm. Ɛnde yemmisa sɛ, Ɔhene Dawid yɛ obi a ɔtenaa ase ankasa?

 Afe 1993 mu no, Avraham Biran a otutu fam hwehwɛ tete nneɛma no ne ne mfɛfo kohuu ɔbo bi wɔ Tel Dan, a ɛwɔ Israel atifi fam. Nsɛm a na wɔakyerɛw wɔ ɔbo no so no bi ne “Dawid Fie.” Ná wɔde tete Yuda kasa na akyerɛw nsɛm no, na wɔkyerɛ sɛ bere a wɔkyerɛwee no, bɛyɛ mfe 900 akyi na wɔrewo Yesu. Ɔbo a wɔahu yi, ɛda adi sɛ ebu fii nkaedum bi a Aramfo sii ho. Aramfo sii nkaedum no de hoahoaa wɔn ho sɛ wɔatumi adi Israelfo so nkonim mpɛn pii wɔ ɔko mu.

 Nhoma bi a wɔato din Bible History Daily ka sɛ, nkurɔfo bi nnye nni sɛ asɛm a wɔakyerɛw wɔ ɔbo no so no kyerɛ sɛ Ɔhene Dawid tenaa ase ankasa. Nanso Bible ho abenfo ne wɔn a wotutu fam hwehwɛ tete nneɛma no, wɔn mu pii agye atom sɛ saa ɔbo no di adanse sɛ Ɔhene Dawid a Bible ka ne ho asɛm no yɛ obi a ɔtenaa ase ankasa. Nneɛma a wɔn a wotutu fam hwehwɛ tete nneɛma no ahu a edi mũ pa ara no, saa ɔbo yi ka ho. Nhoma bi a wɔato din BAR [Biblical Archaeology Review] ka nneɛma a ɛtete saa ho asɛm.