Numeri 11:1-35

  • Anwiinwii maa ogya fii Onyankopɔn hɔ bae (1-3)

  • Nkurɔfo no sui sɛ wɔrepɛ nam awe (4-9)

  • Mose tee nka sɛ ɔmfata (10-15)

  • Yehowa de ne honhom maa mpanyimfo 70 (16-25)

  • Eldad ne Medad; Yosua twee ninkunu maa Mose (26-30)

  • Onyankopɔn piaa mmoko bae; ɔman no adifudepɛ nti, ɔtwee wɔn aso (31-35)

11  Na ɔman no fii ase nwiinwii wɔ Yehowa anim. Bere a Yehowa tee no, ne bo fuwii paa. Na ogya a efi Yehowa hɔ fii ase dɛwee wɔ wɔn mu, na nnipa a ɛwɔ asoɛe no ahye so no, ogya no hyew bi.  Bere a ɔman no fii ase su guu Mose so no, ɔpaa Yehowa kyɛw,+ na ogya no dumii.  Eyi nti wɔtoo hɔ din Tabera,* efisɛ ogya fi Yehowa hɔ bɛhyew wɔn.+  Firamanfiramanfo*+ a na ɛka wɔn ho no kekae sɛ wɔn kɔn adɔ nneɛma bi,+ na Israelfo no nso fii ase sui bio, na wɔkae sɛ: “Hena na ɔbɛma yɛn nam awe?+  Aa, yɛakae nsumnam a yɛwee no kwa wɔ Egypt no, ne kukumba ne wɔtamɛlɔn* ne gyeene ne galik!+  Nanso seesei yɛn* mu nsu atwe. Baabiara a wobɛfa biara, mana yi ara na wuhu.”+  Ná mana+ no te sɛ aba fitaa ketewa bi,+ na na ɛho te sɛ bedola aduhuam.*  Ná ɔman no pue kɔsesaw, na na wɔyam wɔ ɔbo so anaa wosiw wɔ waduru mu. Wowie a, na wɔnoa wɔ dadesɛn mu anaa wɔde yɛ paanoo nkuruwankuruwa.+ Ná ne dɛ te sɛ keeki a wɔde ngo afa ho.  Sɛ edu anadwo na obosu tɔ gu asoɛe hɔ a, na mana no nso atɔ agu hɔ.+ 10  Na Mose tee sɛ abusua biara mu nnipa resu. Ná obiara resu wɔ ne ntamadan ano. Enti Yehowa bo fuwii paa,+ na Mose nso, asɛm no yɛɛ no yaw yiye. 11  Ɛnna Mose bisaa Yehowa sɛ: “Adɛn nti na wo ne w’akoa adi no nwenweenwene saa? Na dɛn na mayɛ a ɛnsɔ w’ani a enti wode nnipa yi nyinaa adesoa ato me so yi?+ 12  Adɛn, me na minyinsɛn nnipa yi nyinaa? Anaa me na mewoo wɔn a enti wuse, ‘Fa wɔn bɔ wo bo sɛnea obi a ɔhwɛ abofra* ketewa yɛ no,’ na fa wɔn kɔ asaase a wokaa ntam sɛ wode bɛma wɔn agyanom no so?+ 13  Ɛhe na menya nam ama nnipa yi nyinaa? Da biara wosu gu me so sɛ, ‘Ma yɛn nam nwe!’ 14  Me nko ara mintumi nyɛ ɔman yi nyinaa ho adwuma; ɛboro me so.+ 15  Sɛ saa na wobɛyɛ me a, ɛnde mepa wo kyɛw, kum me seesei ara.+ Sɛ manya w’anim dom a, mma m’ani nnhu amanehunu biara bio.” 16  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ Israel mpanyimfo no mu na boaboa mmarima 70 ano ma me, mmarima a wuhu sɛ* wɔyɛ ɔman no mu mpanyimfo ne atitiriw,+ na fa wɔn kɔ ahyiae ntamadan no ho, na wo ne wɔn nnyina hɔ. 17  Mesian aba+ ne wo abɛkasa wɔ hɔ,+ na meyi honhom a ɛwɔ wo so no bi ama wɔn,+ na wɔbɛboa wo ama woasoa ɔman no adesoa, na wo nko ara woansoa.+ 18  Afei ka kyerɛ ɔman no sɛ, ‘Montew mo ho mma ɔkyena,+ na nea ɛbɛyɛ biara mobɛwe nam, efisɛ moasu ama Yehowa ate,+ na moaka sɛ: “Hena na ɔbɛma yɛn nam awe? Bere a yɛwɔ Egypt no, na eye ma yɛn paa.”+ Nea ɛte biara, Yehowa bɛma mo nam, na mobɛwe.+ 19  Morenwe no da koro, anaa nnanu, anaa nnanum, anaa dadu, anaa adaduonu, 20  na mmom mobɛwe no bosome mua akosi sɛ ebefi mo hwenem apue na ayɛ mo tan,+ efisɛ moapo Yehowa a ɔwɔ mo mu no, na moasu agu no so sɛ: “Adɛn nti na yɛafi Egypt aba ha yi?”’”+ 21  Ɛnna Mose kae sɛ: “Nnipa a me ne wɔn wɔ ha yi yɛ mmarima 600,000+ a wɔnam fam, ɛnna wuse, ‘Mɛma wɔn nam awe, na wɔbɛwe amee bosome mua’! 22  Sɛ wukum anantwi ne nguan a ɛwɔ wiase nyinaa mpo a, ɛbɛso wɔn anaa? Na sɛ wuyi ɛpo mu mpataa nyinaa mpo ma wɔn a, ɛbɛso wɔn anaa?” 23  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Adɛn, Yehowa nsa yɛ tia anaa?+ Wo de twɛn, na wubehu sɛ nea maka no bɛba mu anaa ɛremma mu.” 24  Enti Mose kɔe, na ɔkɔkaa Yehowa asɛm no kyerɛɛ ɔman no. Na oyii mmarima 70 fii ɔman no mu mpanyimfo mu boaboaa wɔn ano, na ɔma wobegyinaa ntamadan no ho.+ 25  Na Yehowa sian bae wɔ omununkum mu+ ne no bɛkasae,+ na oyii honhom a ɛwɔ no so no bi+ maa mpanyimfo 70 no mu biara. Na bere a honhom no baa wɔn so pɛ, wofii ase yɛɛ wɔn ade sɛ adiyifo;*+ nanso wɔanyɛ wɔn ade saa bio. 26  Mmarima no mu baanu kaa asoɛe hɔ. Ɔbaako din de Eldad, na ɔbaako nso de Medad. Ná wɔnkɔɔ ntamadan no ho, nanso esiane sɛ na wɔka wɔn a wɔkyerɛw wɔn din no ho nti, honhom no bi baa wɔn so. Enti wofii ase yɛɛ wɔn ade sɛ adiyifo wɔ asoɛe hɔ. 27  Ɛbaa saa no, aberante bi tuu mmirika kɔbɔɔ Mose amanneɛ sɛ: “Eldad ne Medad reyɛ wɔn ade sɛ adiyifo wɔ asoɛe hɔ!” 28  Ɛnna Nun ba Yosua+ a ofi ne mmeranteberem asom Mose no kae sɛ: “Me wura Mose, ma wonnyae!”+ 29  Na Mose bisaa no sɛ: “Adɛn, woretwe ninkunu ama me anaa? Daabi, minyae a anka Yehowa nkurɔfo nyinaa yɛ adiyifo, na Yehowa de ne honhom ama wɔn nyinaa!” 30  Akyiri yi, Mose ne Israel mpanyimfo no kɔɔ asoɛe hɔ. 31  Afei mframa bi bɔ fii Yehowa hɔ, na efii ase piaa mmoko* fii po so ma wɔbaa asoɛe no ho.+ Ná wɔdɔɔso wɔ asoɛe no ho nyinaa ma wofa benkum oo, wofa nifa oo, gye sɛ wutwa bɛyɛ da koro kwan ansa na woatra wɔn. Wotu baa fam paa maa wɔne asaase ntam yɛɛ bɛyɛ basafa* abien. 32  Enti saa da no nyinaa ne anadwo no nyinaa, nkurɔfo no anna; wɔboaboaa mmoko no ano. Na ade kyee no, wɔkɔɔ so ara boaboaa ano da mu no nyinaa. Nea wamfa kɛse koraa no nyaa homar* du. Obiara hataa ne de, na wɔhatahatae de twaa asoɛe no ho nyinaa hyiae. 33  Nanso bere a nam no wɔ wɔn anom a wonnya nwee no, Yehowa bo fuw nkurɔfo no denneennen, na Yehowa fii ase kunkum nkurɔfo no pii.+ 34  Enti wɔtoo hɔ din Kibrot-Hatawa,*+ efisɛ ɛhɔ na wosiee nnipa a wodii wɔn akɔnnɔ akyi no.+ 35  Afei ɔman no fii Kibrot-Hatawa kɔɔ Haserot, na wɔtenaa Haserot.+

Ase Hɔ Nsɛm

Ɛkyerɛ, “Ɛrehyew,” kyerɛ sɛ, ogya a ɛresɛe ade; ogya a ɛredɛw.
Ɛbɛyɛ sɛ wɔn a na wɔnyɛ Israelfo a na wɔka wɔn ho no.
Anaa “anowatere.”
Anaa “yɛn kra.”
Ɛyɛ aduhuam bi a ɛte sɛ kurobow.
Anaa “ɔbarima a ogyigye abofra.”
Anaa “wunim sɛ; wunim wɔn sɛ.”
Anaa “wofii ase hyɛɛ nkɔm.”
Nnomaa bi a wɔte sɛ nkokɔhwerew.
Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.
Homar baako yɛ lita 220 (bɛyɛ olonka 73). Hwɛ Nkh. B14.
Ɛkyerɛ, “Akɔnnɔ Asiei.”