Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka Adesua—Ɛho Akwankyerɛ

Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka Adesua—Ɛho Akwankyerɛ

Emu Nsɛm

1. Akwankyerɛ yi bɛboa wɔn a wɔbenya dwumadi wɔ Kristofo Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua mu no. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbenya dwumadi no susuw akwankyerɛ a ɛwɔ Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma no mu no ho ansa na wɔafi ase asiesie wɔn dwumadi no. Monhyɛ adawurubɔfo nyinaa nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ asuafo dwumadi no mu bi. Wɔn a wɔnyɛ adawurubɔfo nanso wɔde wɔn ho abɔ asafo no denneennen no, sɛ wɔgye nea Bible kyerɛkyerɛ no tom, na wɔbɔ wɔn bra sɛ Kristofo a, mubetumi ama wɔn dwumadi. Sɛ obi a ɔnyɛ ɔdawurubɔfo pɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ dwumadi yi mu a, ɛsɛ sɛ Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Sohwɛfo no ne no susuw ahwehwɛde ahorow no ho na ɔma ohu sɛ ɔfata anaa ɔmfata. Sɛ ɔne no hyia a, ɛsɛ sɛ nea ɔne no sua Bible (anaa sɛ n’awofo yɛ agyidifo a) nso wɔ hɔ. Nea wɔhwehwɛ fi obi a ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu hɔ no, saa ahwehwɛde no ara na wɔhwehwɛ fi obi a ɔpɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ dwumadi no mu hɔ.—od ti. 8 nky. 8.

 NNIANIM NSƐM

2. Simma baako. Nnawɔtwe biara, sɛ yɛto dwom bɔ mpae wie a, Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua guamtenani no bɛka nsɛm a ɛbɛma anuanom de anigye ahwɛ dwumadi a ɛrebɛkɔ so no kwan. Ɛsɛ sɛ guamtenani no de n’adwene si nea ɛbɛboa asafo no so kɛse.

  BIBLE MU AKORADE

 3Ɔkasa: Simma du. Yɛde asɛmti ne nsɛmpɔw mmienu anaa mmiɛnsa bɛba Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma no mu. Ɛsɛ sɛ wɔde dwumadi yi ma asafo mu panyin anaa ɔsomfo a ɔfata. Sɛ yɛrebefi Bible nhoma foforo ase wɔ nnawɔtwe Bible akenkan no mu a, yebedi kan ahwɛ ho video. Ɔkasafo no betumi afa video no mu nsɛm bi aka. Nanso, ɔkasa no ho nsɛmpɔw a ɛwɔ adesua nhoma no mu no, ɛsɛ sɛ ɔka ne nyinaa ho asɛm. Afei nso, mfoni a ɛwɔ adesua nhoma no mu a wɔayɛ sɛ wɔmfa nka nsɛmpɔw no ho no, ɛsɛ sɛ ɔka ho asɛm sɛnea bere bɛma kwan. Sɛ nsɛm foforo wɔ asafo nhoma ahorow mu a ɔpɛ sɛ ɔde ka ne nkyerɛkyerɛmu no ho a, obetumi ayɛ no saa, nanso ɛsɛ sɛ ɔhwɛ hu sɛ ɛyɛ nsɛm a ɛbɛboa ama wakyerɛkyerɛ nsɛmpɔw no mu yiye.

 4Tweetwee Bible Mu: Simma du. Wei yɛ nsɛmmisa ne mmuae; nnianim ne awiei nsɛm nka ho. Ɛsɛ sɛ wɔde ma asafo mu panyin anaa ɔsomfo a ɔfata. Ɛsɛ sɛ obisa atiefo no nsɛm no nyinaa. Afei, kyerɛwnsɛm a wɔaka ho asɛm no, ɔbɛhwɛ sɛ ehia sɛ wɔkenkan anaa enhia. Wɔn a wɔbɛma mmuae no wɔ anibu 30 anaa nea ennu saa.

 5Bible Akenkan: Simma nnan. Asuafo dwumadi yi, onuabarima na ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Ɔbɛkenkan nea wɔde ama no no nko ara. Ɛnsɛ sɛ ɔka asɛm foforo biara fi ase anaa ɔde wie. Ɛsɛ sɛ adesua no guamtenani no de si n’ani so sɛ ɔbɛboa asuafo no ma wɔn akenkan mu ada hɔ na akɔ yɔɔ, wɔakenkan nsɛm no pɛpɛɛpɛ, wɔasakrasakra wɔn nne, wɔasi nsɛntitiriw so dua, wɔahome wɔ baabi a ɛfata, na wɔde wɔn ankasa nne akenkan. Bible akenkan no bi mu woware, na ebi nso yɛ tia. Wei nti, sɛ Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua sohwɛfo no rehyehyɛ dwumadi no a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ sɛnea osuani biara akenkan te ansa na ɔde ama no.

 MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

6. Simma dunum. Wɔayɛ ɔfã yi sɛ ɛmma obiara akwannya a ɔde besua sɛnea ɔkɔ asɛnka a ɔbɛka asɛm no akyerɛ nkurɔfo ne sɛnea obetu mpɔn wɔ nkɔmmɔbɔ ne nkyerɛkyerɛ mu. Sɛ ɛho behia a, wɔbetumi ama mpanyimfo no ayɛ asuafo dwumadi no bi. Adesua asɛm a ɛwɔ Ɔkyerɛkyerɛ anaa Dɔ Nnipa nhomawa a wɔakyerɛw ahyɛ dwumadi no ho wɔ Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma no mu no, ɛsɛ sɛ osuani no de yɛ adwuma. Ɛtɔ da a, dwumadi no bi bɛyɛ ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ɛba saa a, ɔpanyin anaa ɔsomfo a ɔfata na ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa dwumadi no.—Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea wɔyɛ ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ dwumadi no a, hwɛ  nkyekyɛm 15.

 7Hyɛ Nkɔmmɔ Ase: Wɔbetumi de saa asuafo dwumadi yi ama osuani a ɔyɛ ɔbea anaa ɔbarima. Sɛ ɔbarima na ɔbɛyɛ a, ɛnsɛ sɛ ne boafo no yɛ ɔbea gye sɛ ɔyɛ ne busuani. Ɔbea nso na ɔbɛyɛ a, ɛnsɛ sɛ ne boafo no yɛ ɔbarima, gye sɛ ɔyɛ ne busuani. Osuani no ne ne boafo betumi atena ase anaa wɔagyina hɔ.—Sɛ wopɛ nsɛm a wɔbetumi aka ne sɛnea wɔbɛyɛ dwumadi yi ho nsɛm pii a, hwɛ  nkyekyɛm 12 ne  13.

 8Yɛ Sankɔhwɛ: Wɔbetumi de saa asuafo dwumadi yi ama osuani a ɔyɛ ɔbea anaa ɔbarima. Sɛ ɔbarima na ɔbɛyɛ a, ɛsɛ sɛ ne boafo no yɛ ɔbarima. Ɔbea nso na ɔbɛyɛ a, ɛsɛ sɛ ne boafo no yɛ ɔbea. (km 5/97 kr. 2) Osuani no ne ne boafo betumi atena ase anaa wɔagyina hɔ. Ɛsɛ sɛ osuani no yɛ dwumadi no te sɛ nea ɔne ofiewura no abɔ nkɔmmɔ pɛn, ɛnna ɔresan akɔtoa so.—Sɛ wopɛ nsɛm a wɔbetumi aka ne sɛnea wɔbɛyɛ dwumadi yi ho nsɛm pii a, hwɛ  nkyekyɛm 12 ne  13.

 9Yɛ Asuafo: Wɔbetumi de saa dwumadi yi ama osuani a ɔyɛ ɔbea anaa ɔbarima. Sɛ ɔbarima na ɔbɛyɛ a, ɛsɛ sɛ ne boafo no yɛ ɔbarima. Ɔbea nso na ɔbɛyɛ a, ɛsɛ sɛ ne boafo no yɛ ɔbea. (km 5/97 kr. 2) Osuani no ne ne boafo betumi atena ase anaa wɔagyina hɔ. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ dwumadi no te sɛ Bible adesua a ɛrekɔ so dedaw. Ɛho nhia sɛ wɔde nnianim nsɛm befi ase anaa wɔde nsɛm bi bewie, gye sɛ ɛho akwankyerɛ no kyerɛ saa. Ɛho nhia sɛ wɔbɛkenkan nkyekyɛm a wɔde reyɛ adesua no nyinaa den, nanso wɔpɛ a, wɔbetumi ayɛ saa.

 10Kyerɛkyerɛ Wo Gyidi Mu: Sɛ dwumadi no yɛ ɔkasa a, ɛnde osuani a ɔyɛ ɔbarima na ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Sɛ ɛyɛ ɔyɛkyerɛ nso a, ɛnde osuani a ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbea betumi ayɛ. Sɛ ɔbarima na ɔbɛyɛ a, ɛnsɛ sɛ ne boafo no yɛ ɔbea, gye sɛ ɔyɛ ne busuani. Ɔbea nso na ɔbɛyɛ a, ɛnsɛ sɛ ne boafo no yɛ ɔbarima gye sɛ ɔyɛ ne busuani. Ɛsɛ sɛ osuani no fa anifere kwan so ma asɛmti no ho mmuae ma emu da hɔ. Obeyi mmuae no afi asafo nhoma a wɔatwe adwene asi so no mu. Sɛ ɔpɛ a, obetumi atwe adwene asi emu nsɛm bi so wɔ ne kasa no mu.

 11Ɔkasa: Osuani a ɔyɛ ɔbarima na ɔbɛyɛ dwumadi yi. Ɔbɛyɛ no sɛ ɔkasa ama akyerɛ asafo no. Sɛ ɔkasa no gyina asɛm bi a ɛwɔ nkekaho ADɔ Nnipa nhomawa no so a, ɛnde ɛsɛ sɛ osuani no kyerɛ sɛnea yebetumi de kyerɛwnsɛm a ɛwom no akyerɛkyerɛ wɔ asɛnka mu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, obetumi akyerɛkyerɛ bere a yebetumi de kyerɛwnsɛm bi ayɛ adwuma, nea saa kyerɛwnsɛm no kyerɛ, ne sɛnea yebetumi ne obi asusuw ho mu. Sɛ ɔkasa no gyina adesua ahorow a ɛwɔ Dɔ Nnipa nhomawa no mu so a, ɛnde ɛsɛ sɛ osuani no de n’adwene si sɛnea yɛde saa asɛm no bɛkyerɛkyerɛ wɔ asɛnka mu so. Sɛ ɔtwe adwene si nhwɛso a ɛwɔ nsɛntitiriw a edi kan wɔ adesua no mu so, anaa kyerɛwnsɛm foforo biara a ɛwɔ adesua no mu so na ɛbɛboa a, obetumi ayɛ saa.

   12Emu Nsɛm: Nsɛm a ɛwɔ nkyekyɛm yi ne nea edi hɔ no mu no fa “Hyɛ Nkɔmmɔ Ase” ne “Yɛ Sankɔhwɛ” dwumadi no ho. Nea ɛsɛ sɛ osuani no de yɛ ne botae ne sɛ ɔbɛka Bible mu nokwasɛm bi a ɛbɛboa onipa no akyerɛ no na wagyaw no asɛm bi a ɛbɛma wɔatoa nkɔmmɔ no so, gye bere a wɔakyerɛ sɛ ɔnyɛ no kwan foforo so. Ɛsɛ sɛ osuani no pɛ asɛm bi a asi nnansa yi wɔ mpɔtam hɔ ne nea nkurɔfo ani begye ho wɔ hɔ de yɛ ne dwumadi no. Osuani no pɛ a, obetumi de nhoma anaa video bi a ɛwɔ Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no mu ayɛ adwuma. Sɛ anka asuafo no bɛkyere sɛnea wɔbɛyɛ dwumadi no agu wɔn tirim no, wɔbetumi asua sɛnea wɔne afoforo bɛbɔ nkɔmmɔ yiye. Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ onipa no ho anigye na ɔne no bɔ nkɔmmɔ te sɛ nea onim no dedaw.

   13Sɛnea Mobɛyɛ No: Sɛnea moyɛ asɛnka adwuma no wɔ mo mpɔtam hɔ no, saa ara na ɛsɛ sɛ osuani no yɛ ne dwumadi no. Yɛbɛyɛ nhwɛso a:

  1.  (1) Afie Afie Asɛnka: Wɔbɛyɛ no te sɛ afie afie asɛnka adwuma. Obetumi ayɛ sɛ ɔbɛkɔ ne fie ankasa, ɔbɛfrɛ no wɔ fon so anaasɛ ɔbɛkyerɛw no krataa de adi no adanse. Sɛ obi resan akɔsra onigyeni bi nso a, obetumi afa saa kwan yi ara so ayɛ ne dwumadi no.

  2.  (2) Bere a Wunni Asɛnka Mu: Wɔbɛyɛ dwumadi no de akyerɛ sɛnea sɛ yɛne afoforo rebɔ nkɔmmɔ kɛkɛ mpo a, yebetumi adan no de adi wɔn adanse. Ebetumi ayɛ kyerɛwnsɛm bi a yɛbɛkan akyerɛ obi wɔ adwumam, sukuu mu, obi a yɛne no te mpɔtam anaa yɛne no tenaa bɔs mu anaa baabi foforo biara a yebehyia nnipa.

  3.  (3) Baguam Adansedi: Wɔbɛyɛ saa dwumadi yi te sɛ bere a onua bi redi adanse wɔ trɔk ho, adwumam, mmɔnten so, ahomegyebea, mmeae a wɔde kar sisi anaa beae biara a yehyia nnipa no.

 14Bere a Video Anaa Nhoma Ka Dwumadi No Ho: Ɛtɔ mmere bi a, osuani bi betumi aka video anaa nhoma bi ho asɛm wɔ ne dwumadi no mu. Sɛ dwumadi no hwehwɛ sɛ oyi video anaa osuani no ara pɛ sɛ ɔka video bi ho asɛm a, obetumi aka ho asɛm na ɔne ɔboafo no asusuw ho nanso ɛnsɛ sɛ oyi.

  KRISTOFO ABRABƆ

15. Sɛ yɛto dwom wie a, yɛde simma 15 a edi hɔ no bɛyɛ dwumadi baako anaa mmienu wɔ saa ɔfã yi mu. Wɔayɛ ɔfã yi sɛnea ɛbɛboa atiefo ama wɔde nea wɔresua wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no abɔ wɔn bra. Sɛ wɔamfa ho akwankyerɛ foforo biara amma a, ɛsɛ sɛ wɔde ɔfã yi ma asafo mu panyin anaa ɔsomfo a ɔfata. Nanso sɛ dwumadi no yɛ asafo mu ahiade a, ɛnde ɛsɛ sɛ asafo mu panyin yɛ. Sɛ wɔkyerɛ sɛ dwumadi bi yɛ nkɔmmɔbɔ a, ɔkasafo no betumi abisa nsɛm foforo aka nea wɔde ama no ho. Ɛsɛ sɛ ɔma ne nnianim nsɛm yɛ tiawa sɛnea ɛbɛyɛ a obenya bere pii de aka nsɛntitiriw a ɛwom no ho asɛm na ama atiefo no nso anya bere pii akasa. Sɛ obebisabisa obi nsɛm a, ɛnsɛ sɛ ɔtena nnipa no mu kasa. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ onii no ba asɛnka agua no so.

  16Asafo Bible Adesua: Simma aduasa. Ɛsɛ sɛ wɔde ma ɔpanyin a ɔfata. (Asafo a mpanyimfo nnɔɔso wom no, wɔbetumi ama asafo mu asomfo a wɔfata ahwɛ so.) Mpanyimfo kuw no na wɔbɛpaw anuanom a wɔfata sɛ wɔhwɛ Asafo Bible Adesua no so. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no paw wɔn a wɔbetumi ahwɛ adesua no so yiye, na wɔadi wɔn bere so. Afei ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛhwɛ so no twe adwene si kyerɛwnsɛm atitiriw a ɛwɔ adesua no mu so, na wɔboa atiefo ma wɔhu sɛnea wɔde adesua no mu nsɛm bɛyɛ adwuma. Ɛsɛ sɛ anuanom a mpanyimfo kuw no bɛpene wɔn so no san kɔkenkan akwankyerɛ a wɔde ama wɔ sɛnea wɔyɛ nsɛmmisa ne mmuae dwumadi no ho bio. Wɔyɛ saa a, wɔbenya mfaso pii. (w23.04 kr. 24, adaka) Sɛ musua ɔfã a wɔakyerɛ sɛ yensua no nyinaa wie, na bere no bi ka mpo a, ɛnsɛ sɛ nea ɔrehwɛ so no twe adesua no mu anaa ɔde nsɛm foforo keka ho kosi sɛ bere no bɛso. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, nnawɔtwe biara ɔpanyin foforo nhwɛ adesua no so, na akenkanfo no nso, monsesa mu. Sɛ Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua guamtenani no ka sɛ ehia sɛ wɔtwitwa adesua no so a, ɛnde ɛsɛ sɛ nea ɔrehwɛ so no fa kwan bi so twitwa so. Ɔpɛ a, ɔremma wɔnkenkan nkyekyɛm no bi.

  NSƐM A WƆDE WIE

17. Simma mmiɛnsa. Adesua no mu nsɛntitiriw a ebetumi aboa asafo no, Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua guamtenani no betĩ mu. Sɛ owie a, ɛsɛ sɛ ɔka nea yebesua nnawɔtwe a edi hɔ no ho asɛm kakra. Sɛ bere wom a, oguamtenani no betumi abobɔ asuafo a wɔwɔ dwumadi nnawɔtwe a edi hɔ no din. Sɛ wɔamfa akwankyerɛ foforo biara amma a, saa bere yi na ɛsɛ sɛ oguamtenani no kenkan krataa anaa nkaebɔ biara a ɛho hia kyerɛ asafo no. Nneɛma bi a yɛyɛ no daa te sɛ asɛnka ho nhyehyɛe ne Ahenni Asa so asiesie de, ɛnsɛ sɛ wɔde ho nkaebɔ ma, mmom ɛsɛ sɛ wɔde bɔ amanneɛbɔ pon no so. Sɛ nkaebɔ a ɛwɔ hɔ dɔɔso anaa krataa a ɛsɛ sɛ wɔkenkan no mu nsɛm dɔɔso a, ɛnde ɛsɛ sɛ oguamtenani no ka kyerɛ anuanom a wɔbɛyɛ Kristofo Abrabɔ dwumadi no ma wɔtetew wɔn bere so. (Hwɛ  nkyekyɛm 16 ne  19.) Yɛde dwom ne mpaebɔ na ebewie adesua no.

  NKAMFO NE AFOTU

18. Sɛ osuani biara wie ne dwumadi a, Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua guamtenani no de simma baako bɛkamfo no, na ɔde afotu nso ama no. Ɔde begyina nea wɔrehwehwɛ afi ne hɔ no so. Sɛ oguamtenani no reto nsa afrɛ osuani bi a, ɔrenka nea wɔrehwehwɛ afi ne hɔ no. Nanso sɛ owie a, oguamtenani no bɛkamfo no. Afei ɔbɛka nea na wɔrehwehwɛ afi ne hɔ, na wakyerɛ nea enti a osuani no bɔɔ mu mmɔden, anaa nea enti a ɛsɛ sɛ otu mpɔn wom ne ɔkwan a ɔbɛfa so ayɛ saa. Sɛ oguamtenani no huu biribi wɔ ɔyɛkyerɛ no mu, a ebetumi aboa osuani no anaa atiefo a, obetumi aka ho asɛm. Oguamtenani no betumi agyina Dɔ Nnipa nhomawa, Ɔkyerɛkyerɛ nhomawa no anaa Ɔsom Sukuu nhoma no so de afotu foforo ama osuani no wɔ kokoam bere a moapɔn adesua no anaa bere foforo. Afotu no betumi afa nea na wɔrehwehwɛ afi ne hɔ no anaa biribi foforo ho.— Hwɛ  nkyekyɛm 19,  24, ne  25, na wubenya adwuma a Abrabɔ Ne Asɛnka guamtenani ne ɔfotufo boafo yɛ no ho nsɛm pii.

     BERE

19Ɛnsɛ sɛ oguamtenani no anaa obiara ma bere a wɔde ama no no pa ho. Ɛwom sɛ wɔakyerɛ bere tenten a ɛsɛ sɛ dwumadi biara di wɔ Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma no mu de, nanso wei nkyerɛ sɛ, sɛ moasusuw asuade anaa nsɛntitiriw a ɛwɔ ɔfã bi mu ho awie, na bere no bi aka mpo a, ɛsɛ sɛ nea ɔreyɛ dwumadi no de nsɛm foforo keka ho kosi sɛ bere no bɛso. Nanso sɛ obi bere pa ho a, ɛsɛ sɛ oguamtenani anaa ɔfotufo boafo no ne wɔn ka ho asɛm wɔ kokoam. (Hwɛ  nkyekyɛm 24 ne  25.) Nhyiam no nyinaa yɛ dɔnhwerew 1 ne simma 45. Nnwom ne mpaebɔ nyinaa ka ho.

 BERE A ƆMANSIN SOHWƐFO ABƐSRA ASAFO NO

20. Sɛ ɔmansin sohwɛfo bɛsra asafo no a, mobɛyɛ dwumadi a ɛwɔ Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma no mu nyinaa, gye Asafo Bible Adesua no. Wɔde simma 30 ɔmansin sohwɛfo ɔsom kasa no besi Asafo Bible Adesua no ananmu. Ansa na ɔmansin sohwɛfo no bɛma ne kasa no, Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua guamtenani no betĩ adesua no mu na waka nea yebesua nnawɔtwe a edi hɔ no ho asɛm kakra. Sɛ nkaebɔ anaa krataa bi wɔ hɔ a, obetumi akenkan, owie a ɔbɛto nsa afrɛ ɔmansin sohwɛfo no. Sɛ ɔmansin sohwɛfo no ma ne kasa no wie a, ɔbɛma asafo no ato dwom de awie dwumadi no nyinaa. Ɔno ara na ɔbɛpaw dwom no. Ɔpɛ a, obetumi ama onua foforo abɔ mpae de awie adesua no. Sɛ ɔmansin sohwɛfo bɛsra asafo no a, ɛnsɛ sɛ moyɛ dwumadi foforo biara wɔ asa a ɛtɔ so mmienu no mu, wɔ kasa a mode yɛ adesua no mu. Nanso sɛ kuw bi ka asafo no ho a, wɔn de, wɔbetumi ahyia ayɛ wɔn adesua no bere mpo a ɔmansin sohwɛfo aba. Sɛ kuw no wie wɔn adesua no a, ɛsɛ sɛ wɔsan kɔka asafo no ho kotie ɔmansin sohwɛfo kasa no bi.

 BERE A ASAFO NO REKƆ ƆMANSIN ANAA ƆMANTAM NHYIAM

21. Nnawɔtwe a asafo no bɛkɔ ɔmansin anaa ɔmantam nhyiam no, wɔrenyɛ asafo nhyiam. Ɛsɛ sɛ wɔkae asafo no sɛ mmusua ne ankorankoro biara nsua saa nnawɔtwe no dwumadi no wɔ fie.

 NNAWƆTWE A YƐBƐYƐ NKAEDI NO

22. Sɛ Nkaedi no si Dwoda kosi Fida a, ɛnde yɛrenyɛ Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua saa nnawɔtwe no.

 ABRABƆ NE ASƐNKA ADESUA SOHWƐFO

23. Mpanyimfo kuw no na wɔbɛpaw ɔpanyin a ɔbɛyɛ Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua sohwɛfo no. Ɔbɛhwɛ sɛ adesua no bɛkɔ so pɛpɛɛpɛ sɛnea ɛho akwankyerɛ te. Ɛsɛ sɛ ɔne ɔfotufo boafo no di nkitaho. Sɛ Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma foforo ba pɛ, ɛsɛ sɛ Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua sohwɛfo no de anuanom din hyehyɛ abosome mmienu dwumadi ahorow no ano. Ɔno na ɔbɛhyehyɛ asuafo dwumadi ne nea ɛnyɛ asuafo dwumadi no nyinaa. Afei, ɔno ara na ɔbɛkyerɛ onua a ɔbɛyɛ guamtenani nnawɔtwe biara. Onua biara a ɔde no bɛyɛ guamtenani no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a mpanyimfo no apene ne so sɛ obetumi ayɛ saa. (Hwɛ  nkyekyɛm 3-16 ne  24.) Sɛ ɔrehyehyɛ asuafo dwumadi no a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ mfe a osuani no adi, osuahu a ɔwɔ, ne ahotoso a obetumi de aka saa asɛm no. Sɛ ɔrehyehyɛ nhyiam no dwumadi a aka no a, saa ara na ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛ ma obiara nsa ka ne dwumadi anyɛ yiye koraa nnawɔtwe mmiɛnsa ansa na dwumadi no adu so. Ɛsɛ sɛ ɔde osuani biara dwumadi hyɛ Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka Adesua—Dwumadi Krataa (S-89) no so de ma no. Ɛsɛ sɛ Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua sohwɛfo no de krataa a wahyehyɛ wɔn a wɔbɛyɛ dwumadi no nyinaa wɔ so no bɔ amanneɛbɔ pon no so. Mpanyimfo no betumi apaw ɔpanyin anaa ɔsomfo bi ama waboa Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua sohwɛfo no. Nanso, dwumadi a ɛnyɛ asuafo dwumadi no de, asafo mu panyin na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ onua a ɔbɛyɛ.

    ABRABƆ NE ASƐNKA ADESUA GUAMTENANI

24. Nnawɔtwe biara, asafo mu panyin baako bɛyɛ oguamtenani wɔ Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua no ase. (Baabi a asafo mu mpanyimfo nnɔɔso no, ɛtɔ da a wɔbetumi ama asafo mu somfo a ɔfata ayɛ oguamtenani.) Oguamtenani no na ɔde nnianim nsɛm bebue adesua no ano na ɔde adesua no aba awiei. Afei ɔno na ɔbɛto nsa afrɛ wɔn a wɔwɔ dwumadi no nyinaa. Sɛ asafo mu mpanyimfo no nnɔɔso a, obetumi ayɛ dwumadi no bi, titiriw dwumadi a video nko ara na yɛbɛhwɛ, a atiefo nkɔmmɔbɔ biara nka ho no. Sɛ obiara wie ne dwumadi a, ɛsɛ sɛ asɛm a oguamtenani no bɛka no yɛ tiawa. Mpanyimfo kuw no na ɛbɛkyerɛ sɛ, ɔpanyin wei anaa ɔpanyin wei na obetumi ayɛ oguamtenani. Wɔn a mpanyimfo no apene so sɛ wɔbetumi ayɛ aguamtenafo no, Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua sohwɛfo no bɛyɛ nhyehyɛe ama wɔn mu biara ayɛ bi. Sɛnea nneɛma te wɔ asafo no mu na wɔbegyina so ahwɛ sɛ ebia wɔbɛma Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua sohwɛfo no ayɛ oguamtenani mpɛn pii asen mpanyimfo a aka a wɔfata no anaa. Sɛ ɔpanyin bi fata sɛ ɔhwɛ Asafo Bible Adesua so a, ɛnde ebia obetumi ayɛ oguamtenani nso. Yɛsrɛ mo monhyɛ no nsow sɛ, ɔpanyin a ɔbɛyɛ oguamtenani no, ɛsɛ sɛ oyi ne yam de nkamfo ne afotu a ɛfata ma asuafo no. Ɔno nso na ɔbɛhwɛ sɛ wɔbewie adesua no bere ano. (Hwɛ  nkyekyɛm 17 ne  19.) Sɛ ɔkwan da asɛnka agua no so na oguamtenani no pɛ a, obetumi ama wɔde akasam (microphone) foforo asi hɔ ama wagyina ho. Enti bere a ɔreto nsa afrɛ onua bi ama wabɛyɛ ne dwumadi no, na onua no nso aba abegyina akasam a ɔde bɛyɛ ne dwumadi no anim. Sɛ ɔpɛ nso a, bere a osuani a odi kan no rekenkan Bible no ne bere a wɔreyɛ Ma W’ani Nku Asɛnka Ho dwumadi ahorow no, obetumi atena pon ho wɔ asɛnka agua no so. Wei betumi aboa na moansɛe bere.

   ƆFOTUFO BOAFO

25. Ne papa mu no, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ wɔde saa hokwan yi ma asafo mu panyin a ɔyɛ ɔkasafo a ne ho akokwaw. Ɔfotufo boafo no adwuma ne sɛ ɔde afotu bɛma asafo mu mpanyimfo ne asomfo wɔ kokoam. Enti sɛ mpanyimfo ne asomfo a wɔbɛyɛ dwumadi wɔ Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua mu, wɔn a wɔbɛma baguam ɔkasa, wɔn a wɔbɛhwɛ Ɔwɛn-Aban adesua anaa Asafo Bible Adesua so ne akenkanfo no bi hia afotu a, ɔfotufo boafo no na ɔbɛhwɛ adi ho dwuma. (Hwɛ  nkyekyɛm 19.) Sɛ mpanyimfo a wɔtumi kyerɛkyerɛ yiye no dɔɔso wɔ asafo no mu a, ɛnde afe biara mubetumi asesa mu ama ɔpanyin foforo ayɛ ɔfotufo boafo. Ɛho nhia sɛ dwumadi biara a asafo mu mpanyimfo anaa asomfo bɛyɛ no, ɔfotufo boafo ka ho asɛm.

 ASA A ƐTƆ SO MMIENU ANAA MMIƐNSA

26. Sɛ asuafo no dɔɔso na mowɔ asa foforo a, mubetumi ayɛ asuafo dwumadi no bi wɔ hɔ. Asa foforo biara a mobɛyɛ dwumadi no bi wɔ so no, mobɛpaw ɔpanyin a ɔfata ma ɔde afotu ama asuafo no. Sɛ tebea bi nti ɛho behia sɛ moma ɔsomfo a ɔfata hwɛ so a, mubetumi ayɛ no saa. Mpanyimfo kuw no ara nso na wɔbɛkyerɛ sɛ wɔbɛsesa mu nnawɔtwe biara anaa ɔbaakofo no ara na ɔbɛyɛ. Ɛsɛ sɛ nea ɔbɛhwɛ so wɔ asa foforo no so no de akwankyerɛ a ɛwɔ  nkyekyɛm 18 no yɛ adwuma. Sɛ moyɛ dwumadi no bi wɔ asa foforo no so a, ɛnde bere a moawie Bible Mu Akorade no fã a ɛne Tweetwee Bible Mu no, asuafo no bɛkɔ asa foforo no so. Afei sɛ osuani a otwa to wɔ asa foforo so no wie ne dwumadi a, asuafo no bɛsan aba asa a edi kan no so.

 VIDEO

27. Wɔbeyi video ahorow wɔ adesua yi ase. Wɔde video a wɔbeyi nnawɔtwe biara no begu JW Library®, na obiara atumi atwe bi.

© 2023 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania

S-38-TW 11/23