Kɔ emu nsɛm afã hɔ

WƆBƆE ANAA?

Sɛnea Bonsu De Ne Sũ Hwehwɛ Ade

Sɛnea Bonsu De Ne Sũ Hwehwɛ Ade

Sɛ bonsu pɛ sɛ ohu nneɛma a atwa ne ho ahyia a, otumi su bɔ hwirema na watɛm dinn atie nnyigyei no. Wei ma otumi hu baabi a ade a ɔrehwehwɛ no hyɛ. Nyansahufo ahwɛ sɛnea bonsu a n’ano te sɛ toa (Tursiops truncatus) no tumi de ne sũ hwehwɛ ade no, na wɔreyɛ mfiri bi a ebetumi ama wɔahu nneɛma a ne hwehwɛ yɛ den wɔ po ase.

Susuw ho: Esiane sɛ bonsu tumi de ne sũ hwehwɛ ade nti, sɛ apataa bi hyɛ anwea mu wɔ po ase a, otumi hu no. Ɛma otumi hu nso sɛ biribi yɛ apataa anaa ɔbo. Keith Brown yɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Heriot-Watt Suapɔn mu. Saa suapɔn yi wɔ Edinburgh, Scotland. Ɔkaa bonsu yi ho asɛm sɛ, “sɛ biribi gu toa bi mu na ɛwɔ akyiri bɛyɛ mita du mpo a, otumi hu dekode, sɛ́ ɛyɛ nsu pa, nkyene nsu, asikre nsu, anaa fango.” Nyansahufo pɛ sɛ wɔyɛ mfiri bi a etumi hu nneɛma saa.

Sɛ biribi gu toa bi mu na ɛwɔ akyiri bɛyɛ mita du mpo a, bonsu betumi ahu nea ɛwom

Wɔn a wɔyɛ nhwehwɛmu no ahwehwɛ sɛnea bonsu yi sũ ne sɛnea ɔte asɛm no mu, na wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ biribi a ɛte saa. Wɔayɛ afiri bi a ɛte sɛ toa a ne tenten nnu mita baako. Ɛno nso tumi hu ade te sɛ bonsu yi ara. Wɔde saa afiri yi afam hyɛn bi a wɔde kyinkyin po ase hwehwɛ hɔ nneɛma ho. Hyɛn no te sɛ topae a wɔto no po ase. Afiri a wɔde afam hyɛn ho yi, wɔayɛ sɛ wɔmfa nhwehwɛ nneɛma bi a ɛwɔ po ase te sɛ anyinam nhama anaa dorobɛn ahorow. Sɛ afiri yi wɔ akyiri mpo a, etumi hu nneɛma a ɛwɔ po ase. Wɔn a wɔyɛɛ afiri yi ahu sɛ daakye wobetumi ayɛ biribi saa a ɛbɛboa wɔn a wotu fango no pa ara. Mfiri ahorow bi wɔ hɔ nnɛ a wɔde hwehwɛ po ase nneɛma, nanso afiri yi a ehu ade te sɛ bonsu no, ebetumi ahwehwɛ nneɛma pii asen mfiri a ɛwɔ hɔ nnɛ no. Ebetumi aboa wɔn a wosiesie mfiri ama wɔahu baabi pa a ɛsɛ sɛ wɔde mfiri a wɔde yɛ adwuma wɔ po ase no sisi. Sɛ mfiri yi mu bi ho tɔ kyima a, afiri a ehu ade te sɛ bonsu yi betumi ama wɔahu. Mfiri a wɔde tu fango no, sɛ anan a egyina so no ho baabi pae, anaasɛ dorobɛn bi a ɛwɔ po ase mu sisi a, afiri yi betumi ahu.

Wudwen ho sɛn? Sɛnea bonsu a n’ano te sɛ toa no tumi de ne sũ hwehwɛ ade no, wohwɛ a ɛno ara na ɛbae, anaa obi na ɔbɔe?