Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU NSƐM A WƆAKYERƐKYERƐ MU

Filipifo 4:13—“Ahoɔden a Kristo De Ma Me No Nti Mitumi Gyina Tebea Biara Ano”

Filipifo 4:13—“Ahoɔden a Kristo De Ma Me No Nti Mitumi Gyina Tebea Biara Ano”

 “Nea ɔhyɛ me den no adaworoma, minya ahoɔden wɔ biribiara mu.”—Filipifo 4:13, Wiase Foforo Nkyerɛase.

 “Ahoɔden a Kristo de ma me no nti mitumi gyina tebea biara ano.”—Filipifo 4:13, Akuapem Twi Nkwa Asɛm.

Nea Filipifo 4:13 Kyerɛ

 Ɔsomafo Paul na ɔkyerɛw saa asɛm no, na ɛma wɔn a wɔsom Onyankopɔn no awerɛhyem sɛ, wobenya ahoɔden de ayɛ Onyankopɔn apɛde.

 Bible ahorow bi mu no, wɔakyerɛ ase sɛ, Kristo na ɔmaa Paul ahoɔden. Nanso, wohwɛ Greek nsaano nkyerɛwee ahorow a akyɛ paa a wɔhwɛ so kyerɛ Bible ase no a, worenhu asɛmfua “Kristo” wom. Enti Bible a wɔakyerɛ ase nnansa yi no bebree wɔ hɔ a, wɔkaa no sɛ “nea ɔhyɛ me den no” (Wiase Foforo Nkyerɛase), “nea ɔhyɛ me den no” (Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe). Enti hena na na Paul reka ne ho asɛm?

 Yɛhwɛ nsɛm foforo a ɛwɔ krataa a Paul kyerɛw kɔmaa Filipifo no mu a, yehu sɛ nsɛm a ɛwɔ Filipifo 4:13 no, Onyankopɔn ho asɛm na na Paul reka. (Filipifo 4:6, 7, 10) Ansa na ɔreka saa asɛm no, na wadi kan aka sɛ: “Onyankopɔn na . . . ama moanya . . . ahoɔden a mode bɛyɛ n’apɛde.” (Filipifo 2:13) Afei nso ɔkyerɛw wɔ 2 Korintofo 4:7 sɛ, tumi a ɔde yɛɛ ne som adwuma no, Onyankopɔn na ɔde maa no. (Fa toto 2 Timoteo 1:8 ho.) Wei nti, yebetumi aka paa sɛ, “nea ɔhyɛ me den” a Paul kae no, na ɛfa Onyankopɔn ho.

 Bere a Paul kyerɛw sɛ onya ahoɔden wɔ “biribiara mu” no, dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ? Nea Paul kaa ho asɛm sɛ “biribiara” no, yebetumi aka sɛ ɛyɛ tebea ahorow a ɔfaa mu bere a na ɔreyɛ Onyankopɔn apɛde no. Sɛ ɔwɔ honam fam nneɛma oo, sɛ onni bi oo, na ɔde ne ho to Onyankopɔn so sɛ ɔnhwɛ no. Tebea biara mu no, Paul suaa sɛ ɔbɛma n’ani asɔ nea ɔwɔ.—2 Korintofo 11:23-27; Filipifo 4:11.

 Paul nsɛm no betumi ama Onyankopɔn asomfo anya awerɛhyem nnɛ. Onyankopɔn bɛma wɔn ahoɔden a wohia a wɔde begyina sɔhwɛ ano na wɔayɛ n’apɛde. Onyankopɔn betumi de ne honhom kronkron anaa tumi a ɔde yɛ ade no ahyɛ wɔn den. Afei obetumi afa wɔn nuanom Kristofo ne n’Asɛm Bible so ama wɔn ahoɔden.—Luka 11:13; Asomafo Nnwuma 14:21, 22; Hebrifo 4:12.

Filipifo 4:13 Ho Nsɛm

 Krataa a Paul kyerɛw kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ Filipi no, na Filipifo 4:13 ka emu nsɛm a etwa to no ho. Bere a edi kan a wɔde no too afiase wɔ Roma bɛyɛ afe 60-61 Y.B. no, saa bere no na ɔkyerɛw krataa no. Ná Kristofo a wɔwɔ Filipi no repɛ kwan aboa Paul ama ne nsa aka honam fam nneɛma a ohia, nanso wɔannya hokwan. Afei de, na wɔanya hokwan de nneɛma bi akɔkyɛ Paul.—Filipifo 4:10, 14.

 Paul daa Kristofo a wɔwɔ Filipi no ase paa sɛ woyii wɔn yam bɛkyɛɛ no ade, na ɔma wohui sɛ nea ohia no, ne nsa aka. (Filipifo 4:18) Ɔreda wɔn ase no, ɔsan kyerɛɛ wɔn ade baako a Kristoni yɛ a ɛbɛboa no. Ɛne sɛ, Kristoni biara, osikani oo, ohiani oo, sɛ ɔde ne ho to Onyankopɔn so a, ɔbɛboa no ama wanya akomatɔyam.—Filipifo 4:12.