Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Map Ahorow

Bible Map Ahorow

Nhoma a wɔato din ‘Hwɛ Asase Pa No’ yɛ nhoma a Bible Map Ahorow wom a wubetumi de asua Bible ama aboa wo paa. Bible ka mmeae, nkurow, ne nsaase pii ho asɛm. Wode map ahorow yi di dwuma a ɛbɛma Bible akenkan ne ne sua ayɛ wo dɛ. Nhoma a wɔato din ‘Hwɛ Asase Pa No’ bɛboa wo ama woahu mmeae a nsɛm bi a ɛwɔ Bible mu sisii, na woatwa ho mfoni wɔ w’adwene mu. Afei nso nhoma no bɛma woahu sɛnea nsaase a Bible ka ho asɛm no te, na woate nsɛm bi a esisii ase.

Wohwɛ ‘Hwɛ Asase Pa No’ nhoma no mu a, wubehu map ahorow pii a wɔde kɔla ayɛ ne nsɛm a wɔahyehyɛ a ɛma yehu mmeae bi a Bible ka ho asɛm. Akontaabu apon, mfoni ahorow a wɔde kɔmputa ayɛ, ne nneɛma foforo pii nso wɔ saa Bible map ahorow no mu a ɛbɛboa wo ama w’ani agye kɛse wɔ w’adesua mu.

Bible map ahorow yi bɛma

  • woahu mmeae a Abraham, Isak, ne Yakob tutuu akwan kɔe

  • woahu akwan a Israelfo no faa so bere a wofi Egypt rekɔ Bɔhyɛ Asaase so no

  • woatumi de mmeae a aman a na wɔtan Israelfo no wɔ atoto baabi a na Israelfo no wɔ ho

  • woahu mmeae a Yesu tutuu akwan kɔyɛɛ ne som adwuma no

  • woahu sɛnea na nsaase a ahemman te sɛ Babilon, Greece, ne Roma dii so no kɛse te—saa ahemman no din wɔ Bible mu

Wubetumi anya Bible map ahorow yi wɔ Intanɛt so a wuntua hwee. Ɛwɔ Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA.